Leviticus
21 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron mma asɔfoɔ no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Obiara nhwɛ na wamma efunu* angu ne ho fĩ wɔ ne manfoɔ mu.+ 2 Nanso ne busuani a ɔbɛn no pɛɛ, ne maame, ne papa, ne ba, ne nuabarima 3 anaa ne nuabaa, ɔbaabunu a ɔbɛn no a ɔnyɛ obi yere deɛ, ɔbɛtumi ama wɔagu ne ho fĩ.* 4 Na ɔmmma ɔbaa a ɔwɔ wura nngu ne ho fĩ wɔ ne man mu na ne ho anhura. 5 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛ wɔn tiri ho,+ na wɔnnyi wɔn abɔdwesɛ ano,+ na wɔmmfa biribi mmmotabota wɔn ho.+ 6 Wɔnyɛ kronn wɔn Nyankopɔn anim,+ na wɔnngu wɔn Nyankopɔn din ho fĩ,+ ɛfiri sɛ wɔn na wɔbɔ Yehowa egya afɔdeɛ na wɔde aduane ba Onyankopɔn anim;+ enti wɔnyɛ kronn.+ 7 Wɔmmfa+ ɔbaa dwamanfoɔ+ anaa deɛ ne ho ahura anaa deɛ ne kunu agyaa no,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ kronn wɔ ne Nyankopɔn anim. 8 Enti te ne ho,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔde wo Nyankopɔn aduane ba. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ me Yehowa a merete mo ho no, meyɛ kronkron.+
9 “‘Sɛ ɔsɔfoɔ babaa dane odwamanfoɔ de gu ne ho fĩ a, wagu ne papa ho fĩ. Wɔnhye ɔbaa no wɔ gya mu.+
10 “‘Na ɔsɔfo panin a wɔbɛyi no afiri ne nuanom mu ahwie ɔsra ngo agu n’apampam+ ama no tumi* sɛ ɔnhyɛ asɔfotadeɛ+ no deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi basaa,+ na ɛnsɛ sɛ ɔsuane n’atadeɛ mu.+ 11 Ɛnsɛ sɛ ɔbɛn efunu* biara ho.+ Ɔmmma ne papa anaa ne maame mpo nngu ne ho fĩ. 12 Afei ɛnsɛ sɛ ɔfiri kronkronbea hɔ, na ɔnngu ne Nyankopɔn kronkronbea no ho fĩ,+ ɛfiri sɛ ahosohyira sɛnkyerɛnne, Onyankopɔn srango+ no, wɔ ne so. Mene Yehowa.
13 “‘Ɔbaabunu na ɔnware no.+ 14 Ɔbaa kunafoɔ anaa deɛ ne kunu agyaa no anaa deɛ ne ho ahura anaa odwamanfoɔ deɛ, ɔmmfa wɔn mu biara. Mmom ɔnware ne man muni a ɔyɛ ɔbaabunu. 15 Na ɛnsɛ sɛ ɔgu ne mma ho fĩ wɔ ne man mu,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na merete ne ho.’”+
16 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘W’asefoɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, ɔbarima biara a dɛm wɔ ne ho+ mmma ne Nyankopɔn anim sɛ ɔde n’aduane rebrɛ no.+ 18 Obiara a dɛm wɔ ne ho biara mmma m’anim: onifirani, apakye, hwensini, deɛ ne honam akwaa bi boro soɔ,+ 19 deɛ ne nan anaa ne nsa mu abuo, 20 afũ, deɛ watwintwam,* deɛ yareɛ bi wɔ n’ani soɔ, deɛ wadɔre ntwom anaa deɛ ɛyam wɔ ne ho, deɛ ne hwewa mu aba abɔ.+ 21 Aaron aseni biara a dɛm wɔ ne ho ntumi mma Yehowa anim mmɛbɔ egya afɔdeɛ mma no.+ Dɛm wɔ ne ho nti ɔntumi mma ne Nyankopɔn anim sɛ ɔde n’aduane rebrɛ no.+ 22 Ɔbɛtumi adi ne Nyankopɔn aduane, akronkronneɛ mu adekronkron+ ne akronkronneɛ+ no bi. 23 Nanso dɛm+ no nti ɔrentumi mma ntwamutam+ anaa afɔrebukyia+ no ho. Ɛnsɛ sɛ ɔgu me kronkronbea no ho fĩ,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na merete wɔn ho.’”+
24 Mose de asɛm no too Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa anim.