Leviticus
21 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wo ne Aaron mma a wɔyɛ asɔfoɔ no nkasa, na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Obiara nhwɛ na wamfa efunu* angu ne ho fĩ wɔ ne manfoɔ mu.+ 2 Nanso sɛ ɔyɛ ne busuani a ɔbɛn no pɛɛ, ne maame, ne papa, ne babarima, ne babaa, anaa ne nuabarima deɛ a, ɔbɛtumi ama wɔagu ne ho fĩ. 3 Ne nuabaa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔte bɛn no na ɔnnya nwareeɛ nso, ɔbɛtumi ama no agu ne ho fĩ. 4 Ɔrentumi mfa ɔbaa a waware wɔ ɔman no mu funu ngu ne ho fĩ. 5 Ɛnsɛ sɛ wɔwerɛ wɔn tiri ho,+ wɔtwitwa wɔn abɔdwesɛ ano sɛe no, anaa wɔtwitwa wɔn ho akam.+ 6 Wɔnyɛ kronn wɔ wɔn Nyankopɔn anim,+ na ɛnsɛ sɛ wɔgu wɔn Nyankopɔn din ho fĩ,+ ɛfiri sɛ wɔn na wɔhye afɔrebɔdeɛ ma Yehowa na wɔde paanoo* ba wɔn Nyankopɔn anim; enti ɛsɛ sɛ wɔyɛ kronn.+ 7 Ɛnsɛ sɛ wɔware tuutuuni baa,+ ɔbaa a ɔbarima de ne ho aka no, anaa deɛ ne kunu agyaa no,+ ɛfiri sɛ ɔsɔfoɔ no yɛ kronkron ma ne Nyankopɔn. 8 Te ne ho,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔde wo Nyankopɔn paanoo brɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me Yehowa a merema mo ho ate no, meyɛ kronkron.+
9 “‘Sɛ ɔsɔfoɔ babaa dane tuutuuni de gu ne ho fĩ a, ɔregu ne papa ho fĩ. Wɔnhye ɔbaa no wɔ gya mu.+
10 “‘Ɔsɔfo panin a wɔbɛyi no afiri ne nuanom mu ahwie ɔsrango agu n’apampam asra no+ ahyɛ no sɔfoɔ* sɛ ɔnhyɛ asɔfotaadeɛ no,+ ɛnsɛ sɛ ɔgya ne tiri nwi basaa, na ɛnsɛ sɛ ɔsuane n’ataadeɛ mu.+ 11 Ɛnsɛ sɛ ɔbɛn efunu* biara ho.+ Ɔrentumi mfa ne papa anaa ne maame mpo funu ngu ne ho fĩ. 12 Ɛnsɛ sɛ ɔfiri tenabea kronkron hɔ kɔ, na ɛnsɛ sɛ ɔgu ne Nyankopɔn tenabea kronkron no ho fĩ,+ ɛfiri sɛ ahosohyira sɛnkyerɛnne, Onyankopɔn srango+ no wɔ ne so. Mene Yehowa.
13 “‘Ɛsɛ sɛ ɔware ɔbaabunu.+ 14 Ɔbaa kunafoɔ, deɛ ne kunu agyaa no, ɔbaa a ɔbarima de ne ho aka no, anaa tuutuuni deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔware wɔn mu biara. Mmom ɔnware ne man muni a ɔyɛ ɔbaabunu. 15 Ɛnsɛ sɛ ɔgu n’asefoɔ* ho fĩ wɔ ne man mu,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na merema ne ho ate.’”
16 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Mose sɛ: 17 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘W’asefoɔ* awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, ɛnsɛ sɛ ɔbarima biara a dɛm wɔ ne ho de ne Nyankopɔn paanoo ba n’anim. 18 Ɔbarima biara a dɛm wɔ ne ho mmma m’anim: onifirani, apakye, obi a n’anim adi dɛm,* deɛ ne nan anaa ne nsa baako ware kyɛn baako, 19 deɛ ne nan anaa ne nsa mu abu, 20 afũ, akwatia,* deɛ n’ani atɔ kyima, deɛ wadɔre ntwom, deɛ ɛyam atotɔ ne ho, anaa deɛ ne hwewa mu aba abɔ.+ 21 Aaron aseni* biara a dɛm wɔ ne ho rentumi mma Yehowa anim mmɛhye afɔrebɔdeɛ mma no. Ɛdɛm a ɛwɔ ne ho nti, ɔrentumi mma sɛ ɔde ne Nyankopɔn paanoo rebrɛ no. 22 Ne Nyankopɔn paanoo a ɛfiri nneɛma kronkron mu anaa ade kronkron paa+ mu no, ɔbɛtumi adi bi.+ 23 Nanso dɛm no nti ɔrentumi mma ntwamutam+ anaa afɔrebukyia+ no ho. Ɛnsɛ sɛ ɔgu me tenabea kronkron no ho fĩ,+ ɛfiri sɛ me Yehowa na merema wɔn ho ate.’”+
24 Enti Mose de asɛm yi too Aaron ne ne mma ne Israelfoɔ nyinaa anim.