Leviticus
20 Yehowa toaa so kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Israelni anaa ɔhɔhoɔ biara a ɔte Israel a ɔde ne ba biara bɛma Molek no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Asaase no sofoɔ nsi no aboɔ nku no. 3 Me ara nso mɛma m’ani asa onipa a ɔte saa na maku no,* ɛfiri sɛ ɔde ne ba ama Molek de agu me kronkronbea ne me din kronkron no ho fĩ.+ 4 Sɛ ɔde ne ba ma Molek na asaase no sofoɔ bu wɔn ani gu so na wɔanku no a,+ 5 ɛnneɛ mɛma m’ani asa saa onipa no ne n’abusua,+ na ɔne wɔn a wɔdii n’akyi ne Molek bɔɔ adwaman no nyinaa, mɛku wɔn.*
6 “‘Obiara* a ɔbɛfiri m’akyi akɔdi akɔmfoɔ anaa asumanfoɔ akyi*+ no, mɛma m’ani asa onipa a ɔte saa no na maku no.*+
7 “‘Monte mo ho na monyɛ kronkron,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa mo Nyankopɔn. 8 Monhwɛ nni m’ahyɛdeɛ so.+ Mene Yehowa, na me na merema mo ho ate.+
9 “‘Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame* no, ɛsɛ sɛ wɔku no.+ Ne papa ne ne maame na wadome wɔn, enti ne mogya bɛgu ɔno ara ne tiri so.
10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforɔ yere bɛsɛe awareɛ, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wɔku no. Wɔnku ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no nyinaa.+ 11 Ɔbarima a ɔne ne papa yere bɛda no agu ne papa anim ase.*+ Wɔnku wɔn mmienu nyinaa. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so. 12 Sɛ ɔbarima ne ne ba yere da a, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn mmienu nyinaa. Wɔayɛ akyiwadeɛ. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.+
13 “‘Sɛ ɔbarima ne ne yɔnko barima da sɛdeɛ ɔne ɔbaa da a, wɔn mmienu nyinaa ayɛ akyiwadeɛ.+ Ɛsɛ sɛ wɔku wɔn. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.
14 “‘Sɛ ɔbarima fa ɔbaa ne ne maame nyinaa a, ɛyɛ ahohwibra.*+ Ɛsɛ sɛ wɔhye ɔne wɔn nyinaa wɔ gya mu+ na ahohwibra antena mo mu.
15 “‘Ɔbarima biara a ɔne aboa bɛda no, ɛsɛ sɛ moku no na mokum aboa no ka ho.+ 16 Sɛ ɔbaa bi de ne ho ma aboa ma no fa no a,+ monku ɔbaa no ne aboa no nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔwu. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.
17 “‘Sɛ ɔbarima bi ne ne nuabaa a ɔyɛ ne papa ba anaa ne maame ba da ma no hu n’adagya na ɔbaa no nso hu n’adagya a, ɛyɛ aniwudeɛ.+ Enti ɛsɛ sɛ wɔku wɔn* wɔ wɔn man mufoɔ anim. Ɛyɛ animguaseɛ ma ne nuabaa no.* Wayɛ bɔne, na ɔbɛnya ne bɔne so akatua.
18 “‘Sɛ ɔbarima ne ɔbaa a wayɛ bra da a, ɛyɛ ɔbaa no mogya na wɔn mmienu abue so.+ Wɔn mmienu nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔku wɔn.*
19 “‘Ɛnsɛ sɛ wo ne wo maame nuabaa anaa wo papa nuabaa da, ɛfiri sɛ obi yɛ saa a, ɛyɛ animguaseɛ ma ne busuani a ɔbɛn no no.+ Wɔayɛ bɔne, na wɔbɛnya wɔn bɔne so akatua. 20 Sɛ obi ne ne papa nua yere da a, wagu ne papa nua no anim ase.*+ Wɔayɛ bɔne, na wɔbɛnya wɔn bɔne so akatua. Wɔbɛwu, na wɔrennya mma. 21 Sɛ obi fa ne nua yere a, ɛyɛ abofonodeɛ.+ Wagu ne nua anim ase.* Wɔrennya mma.
22 “‘Monhwɛ nni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm nyinaa so,+ na asaase a mede mo rekɔ so no amfe mo angu.+ 23 Aman a merepamo wɔn afiri mo anim no, monnni wɔn amanneɛ akyi,+ ɛfiri sɛ wɔayɛ saa nneɛma yi nyinaa ama wɔn ho ayɛ me abofono.+ 24 Wei nti meka kyerɛɛ mo sɛ: “Mobɛfa wɔn asaase, na mede saa asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ no bɛma mo na ayɛ mo agyapadeɛ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn; me na mate mo afiri aman a aka no ho.”+ 25 Momma nsonsonoeɛ nna mmoa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte ntam, ne nnomaa a wɔn ho te ne wɔn a wɔn ho nte ntam.+ Ɛnsɛ sɛ mode mmoa anaa nnomaa anaa biribiara a ɛwea fam a makyerɛ sɛ wɔn ho nte no gu mo ho* fĩ.+ 26 Monyɛ kronkron, ɛfiri sɛ me Yehowa meyɛ kronkron,+ na merete mo afiri aman a aka no ho de mo ayɛ m’agyapadeɛ.+
27 “‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi yɛ kɔmfoɔ anaa osumanni* a, wɔnku wɔn.+ Wɔnsi wɔn aboɔ nku wɔn. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.’”