Exodus 21:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 “Obiara a ɔbɛdome ne papa anaa ne maame* no, wɔnku no.+ Deuteronomium 27:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “‘Nnome nka deɛ ɔbɛbu ne papa anaa ne maame animtia.’+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) Mmebusɛm 20:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Obiara a ɔdome ne papa ne ne maame no,Sɛ esum ba a, ne kanea bɛdum.+ Mateo 15:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Deɛ ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wɔnku no.’+
4 Ebi ne sɛ, Onyankopɔn kaa sɛ, ‘Di wo papa ne wo maame ni’;+ afei nso, ‘Deɛ ɔkasa tia* ne papa anaa ne maame no, ma wɔnku no.’+