Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Leviticus 19:31
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 “‘Monnkɔ akɔmfoɔ anaa asumanfoɔ nkyɛn+ na mo ho angu fĩ. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.

  • Leviticus 20:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 “‘Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bi yɛ kɔmfoɔ anaa osumanni* a, wɔnku wɔn.+ Wɔnsi wɔn aboɔ nku wɔn. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.’”

  • Deuteronomium 18:10-12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusudeɛ yi bi tena mo mu: obi a ɔhye ne babarima anaa ne babaa wɔ gya mu,*+ deɛ ɔhyɛ abosonkɔm anaa ɔyi nkonyaa,+ deɛ ɔkɔ abisa,+ deɛ ɔdi asumansɛm,+ 11 deɛ ɔkyekyere* nkurɔfoɔ, deɛ ɔkɔ akɔmfoɔ anaa wɔn a wɔka daakye asɛm hɔ,+ anaa deɛ ɔne awufoɔ kasa.+ 12 Yehowa kyiri obiara a ɔyɛ saa nneɛma yi bi, na saa akyiwadeɛ yi nti na Yehowa wo Nyankopɔn repamo wɔn afiri w’anim.

  • Asomafoɔ Nnwuma 16:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a wɔbɔ mpaeɛ no, abaawa bi bɛhyiaa yɛn. Ná ɔwɔ honhommɔne a ɛma no ka deɛ ɛbɛsi daakye.+ Ná daakye nsɛm a ɔka no ma ne wuranom nya mfasoɔ pii.

  • Galatifoɔ 5:19, 20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Ɔhonam nnwuma no da adi pefee; ɛno ne adwamammɔ,*+ ɔbra fĩ,* ahohwie,*+ 20 abosonsom, ahonhonsɛm,*+ nitan, mansotwe, ahoɔyaa, koko bɔne, twe-ma-mentwe, mpaapaemu, mate-me-ho akuo,

  • Adiyisɛm 21:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Nanso ahufoɔ ne wɔn a wɔnni gyidie+ ne wɔn a wɔn ho nteɛ a wɔyɛ atantanneɛ ne awudifoɔ+ ne adwamammɔfoɔ*+ ne wɔn a wɔdi ahonhonsɛm ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ+ nyinaa deɛ, wɔbɛto wɔn agu* tadeɛ a egya ne sɔfe* dɛre wom+ no mu. Wei ne owuprenu+ no.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane