Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Samuel 28:7-11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Afei Saul ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ: “Monkɔhwehwɛ kɔmfoɔ baa bi mma me,+ na menkɔ ne hɔ abisa.” Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ, kɔmfoɔ baa bi wɔ En-Dor.”+

      8 Enti Saul sakraa ne ho hyɛɛ ntaade foforɔ, na ɔne ne mmarima no mmienu siim kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, yɛ nyankomade+ ma onipa a mɛbɔ ne din akyerɛ wo no mmra.” 9 Nanso ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wonim sɛ Saul atu akɔmfoɔ ne asumanfoɔ ase afiri asaase yi so.+ Enti adɛn na worebɛsum me fidie* ama wɔaku me?”+ 10 Ɛnna Saul kaa no ntam wɔ Yehowa din mu sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, obiara remmu wo fɔ wɔ asɛm yi mu!” 11 Afei ɔbaa no bisaa sɛ: “Hwan na wopɛ sɛ mema no ba?” Na ɔkaa sɛ: “Ma Samuel mmra.”

  • Yesaia 8:19
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: “Monkɔ akɔmfoɔ anaa asumanfoɔ a wɔkasa wɔn menem te sɛ nnomaa na wɔbesebese wɔn ano no hɔ abisa a,” ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn hɔ mmom na ɛsɛ sɛ ɔman no bisa? Awufoɔ nkyɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔ abisa ma ateasefoɔ?+

  • Galatifoɔ 5:19, 20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 19 Ɔhonam nnwuma no da adi pefee; ɛno ne adwamammɔ,*+ ɔbra fĩ,* ahohwie,*+ 20 abosonsom, ahonhonsɛm,*+ nitan, mansotwe, ahoɔyaa, koko bɔne, twe-ma-mentwe, mpaapaemu, mate-me-ho akuo,

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane