Yesaia
8 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Fa twerɛpono+ kɛseɛ na fa twerɛdua* twerɛ so sɛ, ‘Maha-salal-has-bas.’* 2 Mepɛ sɛ adansefoɔ anokwafoɔ, ɔsɔfoɔ Uria+ ne Yeberekia ba Sakaria, twerɛ di ho adanseɛ.”
3 Afei me ne odiyifoɔbaa* no dae,* na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima.+ Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “To ne din Maha-salal-has-bas, 4 na ansa na abɔfra no bɛtumi aka ‘Me papa!’ ne ‘Me maame!’ no, na wɔasoa Damasko ahodeɛ ne nneɛma a Samaria nyaa wɔ ɛko mu kɔ Asiria hene anim.”+
5 Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ:
6 “Ɛsiane sɛ nkurɔfoɔ yi apo Siloa nsuo a ɛtene bɔkɔɔ,+
Na wɔdi Resin ne Remalia ba ho ahurisie+ nti,
7 Hwɛ! Yehowa bɛma
Asubɔnten no* mu nsuo a ano yɛ den na ɛdɔɔso no aba wɔn so,
Asiria hene+ ne n’animuonyam nyinaa.
Na wayiri afa mu akɔduru ne kɔn mu pɛɛ;+
Ne ntaban a watrɛ mu no bɛduru w’asaase ano nyinaa,
9 Aman, monyɛ wɔn bɔne, na wɔbɛbubu mo asinasini.
Montie, mo a mote asaase so akyirikyiri nyinaa!
Monsiesie mo ho nkɔko,* na wɔbɛbubu mo asinasini!+
Monsiesie mo ho nkɔko, na wɔbɛbubu mo asinasini!
10 Ɛpɔ biara a mopɛ no, mommɔ, nanso ɛrenyɛ yie!
11 Wei ne asɛm a Yehowa de ne nsa denden no too me so ka kyerɛɛ me de bɔɔ me kɔkɔ sɛ, menhwɛ yie na mannante ɔman yi kwan so:
12 “Deɛ nkurɔfoɔ yi frɛ no atirisopam* no, mommfrɛ no atirisopam!
Deɛ wɔsuro no, monnsuro,
Na mommma no mmmɔ mo hu.
14 Ɔbɛyɛ tenabea kronkron,
Nanso ɔbɛyɛ suntiboɔ
Ne watiri boɔ+
Ama Israel afie mmienu no,
Na wayɛ fidie ne asau
Ama wɔn a wɔte Yerusalem.
15 Wɔn mu pii bɛwatiri ahwe ase na wɔabubu;
Wɔbɛtɔ fidie mu ama ayi wɔn.
17 Yehowa a ɔde n’anim ahinta Yakob fie+ no, mɛtwɛn no,*+ na mede m’ani bɛto ne so.
18 Hwɛ! Me ne mmɔfra a Yehowa de wɔn ama me no,+ Asafo Yehowa a ɔte Sion Bepɔ so no de yɛn ayɛ nsɛnkyerɛnne+ ne anwanwadeɛ wɔ Israel.
19 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: “Monkɔ akɔmfoɔ anaa asumanfoɔ a wɔkasa wɔn menem te sɛ nnomaa na wɔbesebese wɔn ano no hɔ abisa a,” ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn hɔ mmom na ɛsɛ sɛ ɔman no bisa? Awufoɔ nkyɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔ abisa ma ateasefoɔ?+ 20 Mmara no ne adanseɛ a wɔatwerɛ no mmom na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ!
Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, wɔnni hann.*+ 21 Na obiara de ahoyera ne ɛkɔm na ɛbɛnante asaase no so;+ na ɛkɔm ne abufuo nti, ɔbɛma n’ani so ahwɛ soro adome ne hene ne ne Nyankopɔn. 22 Afei ɔbɛhwɛ asaase so, na ɔbɛhunu ɔhaw ne sum ne abɛbrɛsɛ ne kusuuyɛ nko ara, na hann nni baabiara.