Yesaia
9 Nanso, esum no renyɛ sɛ berɛ a na ahoyera wɔ asaase no so no, te sɛ kane a wɔbuu Sebulon asaase ne Naftali asaase animtia+ no. Nso akyire yi, Onyankopɔn bɛhyɛ no animuonyam, kyerɛ sɛ, ɛpo kwan a ɛda Yordan mpɔtamu, amanaman Galilea no.
2 Nnipa a na wɔnam sum mu no
Ahunu hann kɛseɛ bi.
Na wɔn a wɔte sum kabii asaase so no,
Hann apue wɔn so.+
3 Woama ɔman no mu nnipa adɔɔso pii;
Na woama wɔn anigyeɛ ayɛ kɛse.
Wɔn ani gye w’anim
Sɛdeɛ nnipa ani gye twaberɛ mu no,
Te sɛ wɔn a wɔde ahurisie kyɛ nneɛma a wɔanya wɔ ɛko mu.
4 Ɛfiri sɛ wɔn kɔndua a wɔde soa adeɛ,
Abaa a ɛda wɔn mmati, ne poma a wɔde ka wɔn kɔ adwuma no, woabubu mu pasapasa,
Te sɛ Midian da no.+
Edin a wɔde bɛfrɛ no ne Ɔfotufoɔ Nwanwafoɔ,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya, Asomdwoeɛ Hene.
Na asomdwoeɛ a ɛnni awieeɛ bɛba+
Dawid ahennwa+ so ne n’ahennie so,
Na ɔde atɛntenenee+ ne tenenee+
Bɛtaa n’ahennie akyi ama no atim+
Afiri nnɛ akɔsi daa.
Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ wei.
Wɔatwitwa sikamɔɔ nnua agu,
Nanso yɛde sida nnua bɛsi ananmu.”
11 Yehowa bɛma Resin atamfo so atia no
Na wakanyan wɔn a wɔkyiri no ama wɔakeka wɔn ho,
12 Siria bɛfiri apueeɛ na Filistifoɔ afiri atɔeɛ,*+
Na wɔbɛbae wɔn anom amene Israel.+
Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,
Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+
16 Ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom,
Na wɔn a saa nkurɔfoɔ yi kyerɛ wɔn kwan no de wɔn tiri pempem.
17 Ɛno nti na Yehowa ani rennye wɔn mmeranteɛ ho no;
Na wɔn nnyanka ne wɔn akunafoɔ nso, ɔrenhu wɔn mmɔbɔ,
Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ,+
Na obiara ano ka agyimisɛm.
Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,
Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+
18 Ɛfiri sɛ atirimuɔdensɛm dɛre te sɛ egya,
Ɛhye nkasɛɛ ne nwura.
Ɛde gya bɛto kwaeɛ mu adɔtɔ mu,
Ama afiri wisie kumɔnn akɔ soro.
Obiara renkora ne nua mpo so.
Obiara bɛwe ɔno ankasa nsa ho nam,
21 Manase bɛwe Efraim,
Na Efraim awe Manase.
Wɔn nyinaa bɛsɔre atia Yuda.+
Deɛ akɔ so nyinaa nti, ɔntwee n’abufuo nsaneeɛ,
Mmom, watene ne nsa, na ɔda so ara rekunkum.+