-
Deuteronomium 13:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 “Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛ so ka daakye asɛm sɔre wɔ wo kurom na sɛ ɔka sɛ sɛnkyerɛnne anaa anwanwadeɛ bi bɛsi, 2 na sɛnkyerɛnne anaa anwanwadeɛ a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Momma yɛnkɔdi anyame foforo’ a monnim wɔn ‘akyi nkɔsom wɔn’ a, 3 ɛnsɛ sɛ motie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no anom asɛm.+ Monhu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de resɔ mo ahwɛ+ sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa dɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ anaa.
-