Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 13
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Deɛ ɛsɛ sɛ wɔde yɛ awaefoɔ (1-18)

Deuteronomium 13:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 8:19; Yer 27:9
  • +De 8:2
  • +De 6:5; 10:12; Mt 22:37

Deuteronomium 13:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 10:20

Deuteronomium 13:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 18:20
  • +De 17:2, 3, 7; 1Ko 5:13

Deuteronomium 13:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 11:4; 2Pe 2:1

Deuteronomium 13:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 1:8

Deuteronomium 13:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 22:20; 32:27; Nu 25:5
  • +De 17:2, 3, 7

Deuteronomium 13:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 20:2, 27

Deuteronomium 13:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:13; 1Ti 5:20

Deuteronomium 13:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 19:15; 1Ti 5:19

Deuteronomium 13:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:4, 5; 2Be 28:6
  • +Ex 22:20

Deuteronomium 13:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “nneɛma a wɔnyaa no ɛko mu.”

Deuteronomium 13:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 6:18
  • +Ge 22:15, 17; 26:3, 4

Deuteronomium 13:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 6:18

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 13:3Yes 8:19; Yer 27:9
Deut. 13:3De 8:2
Deut. 13:3De 6:5; 10:12; Mt 22:37
Deut. 13:4De 10:20
Deut. 13:5De 18:20
Deut. 13:5De 17:2, 3, 7; 1Ko 5:13
Deut. 13:61Ah 11:4; 2Pe 2:1
Deut. 13:8Ga 1:8
Deut. 13:9Ex 22:20; 32:27; Nu 25:5
Deut. 13:9De 17:2, 3, 7
Deut. 13:10Le 20:2, 27
Deut. 13:11De 17:13; 1Ti 5:20
Deut. 13:14De 19:15; 1Ti 5:19
Deut. 13:15De 17:4, 5; 2Be 28:6
Deut. 13:15Ex 22:20
Deut. 13:17Yos 6:18
Deut. 13:17Ge 22:15, 17; 26:3, 4
Deut. 13:18De 6:18
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 13:1-18

Deuteronomium

13 “Sɛ odiyifoɔ anaa obi a ɔnam daeɛ so ka daakye asɛm sɔre wɔ wo kurom na sɛ ɔka sɛ sɛnkyerɛnne anaa anwanwadeɛ bi bɛsi, 2 na sɛnkyerɛnne anaa anwanwadeɛ a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ wo no ba mu na ɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Momma yɛnkɔdi anyame foforo’ a monnim wɔn ‘akyi nkɔsom wɔn’ a, 3 ɛnsɛ sɛ motie saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no anom asɛm.+ Monhu sɛ Yehowa mo Nyankopɔn de resɔ mo ahwɛ+ sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra* nyinaa dɔ Yehowa mo Nyankopɔn+ anaa. 4 Yehowa mo Nyankopɔn akyi na monni, ɔno na monsuro no, n’ahyɛdeɛ so na monni, n’asɛm na montie, ɔno na monsom no, na ɔno na mommata ne ho.+ 5 Mmom saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no deɛ, monku no,+ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma mosɔre tia Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so na ɔgyee mo no. Ɔpɛ sɛ momane firi ɛkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no so; monyi adebɔne no mfiri mo mu.+

6 “Ebia wo nuabarima a ɔyɛ wo maame ba, anaa wo babarima anaa wo babaa anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa wo yɔnko berɛboɔ bi bɛyɛ sɛ ɔrebɛdaadaa wo wɔ kokoam sɛ, ‘Ma yɛnkɔsom anyame foforɔ’+ a wo ne w’agyanom nnim wɔn, 7 anyame a aman a atwa mo ho ahyia nyinaa som wɔn no, aman a wɔbɛn mo anaa wɔwɔ akyirikyiri, ɛfiri asaase ano kɔsi asaase ano. 8 Ɛba saa a, mpene so na ntie no,+ nhu no mmɔbɔ, na mma wo yam nnhyehye wo mmma no, na nkata deɛ wayɛ no so; 9 mmom ɛsɛ sɛ woku no.+ Di kan si no aboɔ, na ɔman no nyinaa nni akyire nsi no aboɔ nkum no.+ 10 Si no aboɔ ku no,+ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔtwe wo firi Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so no ho. 11 Ɛba saa a, Israelfoɔ nyinaa bɛte na wɔasuro, na wɔrenyɛ bɔne a ɛte saa bio wɔ mo mu.+

12 “Nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no, ebia wobɛte sɛ wɔreka wɔ nkuro no bi mu sɛ, 13 ‘Nnipahunu bi asɔre pɛ sɛ wɔsɛe kuro no mufoɔ adwene, na wɔka sɛ monkɔsom anyame foforɔ a monnim wɔn.’ 14 Ɛba saa a, monhwehwɛ asɛm no mu yie nhwɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ anaa.+ Mohu sɛ wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa wɔ wo mu ampa a, 15 momfa sekan nkunkum nnipa a wɔwɔ kuro no mu nyinaa,+ na momfa sekan nsɛe kuro no, emu nneɛma, ne emu nyɛmmoa nyinaa pasaa.+ 16 Afei mommoaboa asadeɛ* a aka nyinaa ano ngu kuro no mfimfini, na momfa gya nhye kuro no ne asadeɛ no nyinaa mma no nyɛ ɔhyeɛ afɔreɛ mma Yehowa mo Nyankopɔn. Kuro no bɛdane amamfo afebɔɔ, na wɔrenkyekyere bio. 17 Mfa wo nsa nka biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no;+ ɛno bɛma Yehowa bo adwo. Ne yam bɛhyehye no na wahu wo mmɔbɔ na wama w’asefoɔ adɔɔso sɛdeɛ ɔkaa w’agyanom ntam no.+ 18 Enti tie Yehowa wo Nyankopɔn na di n’ahyɛdeɛ a mede rema wo nnɛ yi nyinaa so, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani so.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane