Deuteronomium
12 “Weinom ne m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm a ɛsɛ sɛ modi so wɔ asaase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn de bɛma mo no so. Mo nkwa nna a mode bɛtena asaase no so nyinaa monhwɛ sɛ mobɛdi so. 2 Faako a amanaman a morekɔpamo wɔn no som wɔn anyame no,+ monsɛe hɔ nyinaa pasaa; mmepɔ atenten so, nkokoɔ so, ne nnua kusuu ase. 3 Mommubu wɔn afɔrebukyia ne wɔn abosom adum,+ momfa gya nhye wɔn abosonnua,* na montwitwa wɔn anyame ahoni ngu.+ Mompepa wɔn din mfiri hɔ koraa.+
4 “Yehowa mo Nyankopɔn deɛ, ɛnsɛ sɛ mosom no saa.+ 5 Mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato ama no ayɛ ne tenabea wɔ mmusuakuo no nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+ 6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔreɛ,+ mmoa a mobɛkum abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ, mo ayamyɛ afɔreɛ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nyinaa nkɔ.+ 7 Ɛhɔ na mo ne mo fiefoɔ nnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mobɛyɛ no, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.
8 “Monhwɛ na moanyɛ deɛ yɛreyɛ wɔ ha nnɛ yi bi. Ɛha deɛ, obiara yɛ deɛ ɛtene wɔ n’ani so,* 9 ɛfiri sɛ monnya nnuruu homebea+ ne asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo sɛ agyapadeɛ no so. 10 Sɛ motwa Yordan+ kɔtena asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema mo no so a, ɔbɛma moahome afiri mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa nsam, na moatena ase dwoodwoo.+ 11 Baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no,+ ɛhɔ na momfa deɛ maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyeɛ afɔreɛ, mmoa a mobɛkum wɔn abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa, ne biribiara a moahyɛ bɔ sɛ mode bɛma Yehowa. 12 Mo ani bɛgye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima, mo mma mmaa, mo nkoa ne mo mfenaa, ne Lewifoɔ a wɔamma wɔn mo agyapadeɛ no bi+ a enti wɔwɔ mo nkuro* mu no. 13 Hwɛ yie na woammɔ ɔhyeɛ afɔreɛ wɔ baabiara kɛkɛ.+ 14 Baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi no mmusuakuo yi bi asaase so no, ɛhɔ na bɔ ɔhyeɛ afɔreɛ, na ɛhɔ na yɛ deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa.+
15 “Nanso berɛ biara a wo kɔn bɛdɔ* nam no, kum na we+ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo wɔ mo nkuro* nyinaa mu no. Obi a ne ho nteɛ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa bɛtumi awe bi, sɛdeɛ motumi we ɔtwe anaa wansane no. 16 Nanso monhwɛ na moanni aboa no mogya.+ Monhwie ngu fam sɛ nsuo.+ 17 Weinom ne deɛ morentumi nni bi wɔ mo nkuro* mu: mo hwiit nkyɛmu du mu baako, mo bobesa foforɔ nkyɛmu du mu baako, mo ngo mu nkyɛmu du mu baako, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ, mo ayamyɛ afɔreɛ, anaa deɛ mode rema sɛ ntoboa. 18 Weinom na di no Yehowa wo Nyankopɔn anim. Faako a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no,+ ɛhɔ na di; wo ne wo mma mmarima, wo mma mmaa, wo nkoa ne wo mfenaa, ne Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro* mu no. Biribiara a wobɛyɛ biara, ma w’ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim. 19 Nna a wote w’asaase so nyinaa no, hwɛ na woammu w’ani angu Lewifoɔ so.+
20 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn trɛ w’ahyeɛ mu+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wo bɔ no+ a, ebia wo kɔn bɛdɔ* nam na woaka sɛ, ‘Menya nam a, mɛwe.’ Ɛnneɛ, berɛ biara a wo kɔn bɛdɔ* nam no, wobɛtumi awe.+ 21 Sɛ baabi a Yehowa mo Nyankopɔn de ne din bɛto no+ ware ma mo a, ɛnneɛ berɛ biara a mo kɔn bɛdɔ* nam no, mobɛtumi akum anantwie anaa nnwan a Yehowa de ama mo no bi awe wɔ mo nkuro* mu, sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no. 22 Sɛdeɛ wowɔ hokwan sɛ wowe ɔtwe ne wansane no,+ saa ara na wobɛtumi awe. Obi a ne ho nte ne deɛ ne ho te nyinaa bɛtumi awe bi. 23 Si w’adwene pi sɛ worenni mogya,+ ɛfiri sɛ nkwa* no ara ne mogya no,+ na nni nkwa* no nka nam no ho. 24 Nni; hwie gu fam sɛ nsuo.+ 25 Nni, na ama woayɛ deɛ ɛsɔ Yehowa ani, na asi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie. 26 Wo nneɛma a ɛyɛ kronkron ne wo bɔhyɛ afɔreɛ deɛ, fa kɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ no. 27 Ɛhɔ na fa nam ne mogya no bɛbɔ wo hyeɛ afɔreɛ+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na hwie mmoa no mogya gu Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia no ho,+ na nam no deɛ, wobɛtumi awe.
28 “Hwɛ sɛ wobɛdi ahyɛdeɛ a mede rema wo yi nyinaa so. Woyɛ saa a, ɛbɛsi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie daa, ɛfiri sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ woreyɛ deɛ ɛtene na ɛsɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani.
29 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tu aman a worekɔ so no,+ na wokɔtena wɔn asaase so a, 30 hwɛ yie na sɛ ɔsɛe wɔn wie a, biribiara ansum wo fidie amma woankɔdi wɔn akyi. Nkɔbisa wɔn anyame ho asɛm sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na aman yi faa so som wɔn anyame? Ma me nso menyɛ saa.’+ 31 Nyɛ biribi a ɛte saa wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim, ɛfiri sɛ deɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyiri na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mpo bɔ afɔreɛ wɔ gya mu ma wɔn anyame.+ 32 Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+