11 Baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no,+ ɛhɔ na momfa deɛ maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyeɛ afɔreɛ, mmoa a mobɛkum wɔn abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa, ne biribiara a moahyɛ bɔ sɛ mode bɛma Yehowa.
26 Woduru hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kɔn bɛdɔ:* anantwie, nnwan, mpɔnkye, bobesa anaa nsã foforɔ biara a ɛborɔ. Biribiara a wopɛ* no, fa bra bɛdi no Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fiefoɔ nyinaa ani nnye.+