Deuteronomium 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛhɔ na mo ne mo fiefoɔ nnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mobɛyɛ no, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo. Deuteronomium 26:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Afei wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no ani nnye sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ama wo ne wo fiefoɔ nneɛma pa yi nyinaa.+ Dwom 100:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Momfa anigyeɛ nsom Yehowa.+ Momfa anigyeɛ mmɛbɔ ose wɔ n’anim.
7 Ɛhɔ na mo ne mo fiefoɔ nnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mobɛyɛ no, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.
11 Afei wo ne Lewini ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu no ani nnye sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ama wo ne wo fiefoɔ nneɛma pa yi nyinaa.+