12 Mo ani bɛgye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima, mo mma mmaa, mo nkoa ne mo mfenaa, ne Lewifoɔ a wɔamma wɔn mo agyapadeɛ no bi+ a enti wɔwɔ mo nkuro* mu no.
10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔdi mo aduane papa bi* na monnom adɔkɔdɔkɔdeɛ, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron ma yɛn Awurade. Enti mommma mo werɛ nnho, na Yehowa mu anigyeɛ ne mo abandenden.”*