-
Nehemia 10:38, 39Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
38 “Na ɔsɔfoɔ a ɔyɛ Aaron aseni bɛka Lewifoɔ no ho berɛ a Lewifoɔ no regyegye ntotosoɔ du du no, na Lewifoɔ no nso de ntotosoɔ du du no so ntotosoɔ du du bɛba yɛn Nyankopɔn fie+ na wɔde agu adekoradan mpia* no mu. 39 Na adekora adan* no mu na Israelfoɔ ne Lewi mma de aduane afɔreɛ ne nsã foforɔ ne ngo no bɛba,+ na ɛhɔ na tenabea kronkron hɔ nneɛma ne asɔfoɔ a wɔsom ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no wɔ. Yɛremmu yɛn ani ngu yɛn Nyankopɔn fie so.”+
-