-
Deuteronomium 14:22, 23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 “Afe biara fa w’afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa so ntotosoɔ du du* bra.+ 23 Fa wo hwiit nkyɛmu du mu baako, wo bobesa foforɔ nkyɛmu du mu baako, wo ngo mu nkyɛmu du mu baako, ne w’anantwie ne wo nnwan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no.+ Fa bra bɛdi no n’anim na ama woasua sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+
-