5 Mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato ama no ayɛ ne tenabea wɔ mmusuakuo no nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+
17 Weinom ne deɛ morentumi nni bi wɔ mo nkuro* mu: mo hwiit nkyɛmu du mu baako, mo bobesa foforɔ nkyɛmu du mu baako, mo ngo mu nkyɛmu du mu baako, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ, mo ayamyɛ afɔreɛ, anaa deɛ mode rema sɛ ntoboa.
19 “Hyira w’adwennini ne w’anantwinini a wɔyɛ mmakan no so ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Mfa wo nantwie* a ɔyɛ abakan nyɛ adwuma na ntwitwa wo dwan a ɔyɛ abakan ho nwi. 20 Afe biara, wo ne wo fiefoɔ nwe no Yehowa wo Nyankopɔn anim wɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ.+