Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 12:5, 6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato ama no ayɛ ne tenabea wɔ mmusuakuo no nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+ 6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔreɛ,+ mmoa a mobɛkum abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ, mo ayamyɛ afɔreɛ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nyinaa nkɔ.+

  • Deuteronomium 14:23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Fa wo hwiit nkyɛmu du mu baako, wo bobesa foforɔ nkyɛmu du mu baako, wo ngo mu nkyɛmu du mu baako, ne w’anantwie ne wo nnwan mu mmakan bra baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no.+ Fa bra bɛdi no n’anim na ama woasua sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn daa.+

  • Deuteronomium 16:11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 11 Wo ne wɔn a wɔte w’asaase so nyinaa ani nnye wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no; wo babarima, wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro* mu, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafoɔ, wo ne wɔn nyinaa ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane