-
Deuteronomium 12:5-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato ama no ayɛ ne tenabea wɔ mmusuakuo no nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkɔ.+ 6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔreɛ,+ mmoa a mobɛkum abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa,+ mo bɔhyɛ afɔreɛ, mo ayamyɛ afɔreɛ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nyinaa nkɔ.+ 7 Ɛhɔ na mo ne mo fiefoɔ nnidi wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mobɛyɛ no, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.
-