Deuteronomium
16 “Kae bosome Abib* na di Twam ma Yehowa wo Nyankopɔn,+ ɛfiri sɛ bosome Abib mu na Yehowa wo Nyankopɔn yii wo firii Egypt anadwo.+ 2 Fa odwan ne nantwie+ bɔ Twam afɔreɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn+ wɔ baabi a Yehowa bɛyi de ne din ato no.+ 3 Ɛnsɛ sɛ wode biribiara a emu ka ka ho di.+ Nnanson na di paanoo a mmɔka* nnim anaa ahoyera paanoo no, ɛfiri sɛ wode ahoperɛ na ɛfirii Egypt asaase so baeɛ.+ Yɛ saa fa kae da a wofirii Egypt no wo nkwa nna nyinaa.+ 4 Ɛnsɛ sɛ wɔhu mmɔka biara wɔ obiara nkyɛn wɔ asaase no nyinaa so nnanson.+ Afei sɛ wokum aboa no da a ɛdi kan no anwummerɛ a, nnya bi mma adeɛ nnkye so.+ 5 Worentumi nkum Twam aboa no wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no biara mu kɛkɛ. 6 Mmom baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no, ɛhɔ na kum Twam aboa no. Kum no anwummerɛ a awia akɔtɔ,+ te sɛ berɛ a na worefiri Egypt no. 7 Noa aboa no nam na we+ no baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ,+ na adeɛ kye anɔpa a woasan akɔ wo ntomadan mu. 8 Di paanoo a mmɔka nnim nnansia, na da a ɛtɔ so nson no bɛyɛ nhyiamu titire ama Yehowa wo Nyankopɔn. Nyɛ adwuma biara.+
9 “Kan nnawɔtwe nson. Ɛda a ɛdi kan a wode kantankrankyi* bɛto wo hwiit* so sɛ woretwa no, kan nnawɔtwe nson no firi saa da no.+ 10 Afei di Nnawɔtwe Afahyɛ ma Yehowa wo Nyankopɔn.+ Hwɛ sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo no ho na fa ayamyɛ afɔreɛ bra.+ 11 Wo ne wɔn a wɔte w’asaase so nyinaa ani nnye wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no; wo babarima, wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewifoɔ a wɔwɔ mo nkuro* mu, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafoɔ, wo ne wɔn nyinaa ani nnye wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim.+ 12 Kae sɛ na woyɛ akoa wɔ Egypt,+ enti tie ahyɛdeɛ yi nyinaa na di so.
13 “Sɛ woboaboa wo nnɔbaeɛ ne wo ngo ne wo nsã* ano a, di Apata* Afahyɛ no nnanson.+ 14 Ɛduru afahyɛ berɛ yi a, ma w’ani nnye,+ wo ne wo babarima, wo babaa, w’akoa ne w’afenaa, Lewini, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wo mu, agyanka, ne okunafoɔ a ɔwɔ wo kurom no. 15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn animuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛyi no, ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn bɛhyira wo nnɔbaeɛ+ ne deɛ woyɛ nyinaa so. Enti deɛ wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+
16 “Afe biara mmarima a wɔwɔ mo mu nyinaa bɛba abɛgyina Yehowa mo Nyankopɔn anim mprɛnsa wɔ baabi a ɔbɛyi ama moadi Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ,+ Nnawɔtwe Afahyɛ,+ ne Apata* Afahyɛ+ no. Na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara de nsapan ba Yehowa anim. 17 Obiara nhwɛ sɛdeɛ Yehowa ne Nyankopɔn ahyira no ho na ɔmfa n’akyɛdeɛ mmra.+
18 “Yi atemmufoɔ+ ne mpanimfoɔ wɔ nkuro* a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuo biara no mu, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no atɛn. 19 Mmu atɛnkyea,+ nhwɛ nnipa anim,+ na nnye adanmudeɛ,* ɛfiri sɛ adanmudeɛ fira anyansafoɔ ani,+ na ɛtumi ma ateneneefoɔ sesa wɔn ano. 20 Atɛntenenee, atɛntenenee nko ara na di akyire,+ na woanya nkwa na woakɔfa asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no.
21 “Hwɛ na woannua dua biara amfa anyɛ abosonnua*+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia a wobɛsi no ho.
22 “Nyɛ ɔbosom dum biara,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ adeɛ a Yehowa wo Nyankopɔn kyiri koraa.