12 Mo ani bɛgye wɔ Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima, mo mma mmaa, mo nkoa ne mo mfenaa, ne Lewifoɔ a wɔamma wɔn mo agyapadeɛ no bi+ a enti wɔwɔ mo nkuro* mu no.
10 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔdi mo aduane papa bi* na monnom adɔkɔdɔkɔdeɛ, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛnnɛ yɛ da kronkron ma yɛn Awurade. Enti mommma mo werɛ nnho, na Yehowa mu anigyeɛ ne mo abandenden.”*
17 Enti wɔn a wɔasan aba wɔn man mu no nyinaa bobɔɔ apata, na wɔtenatenaa apata no mu. Ɛfiri Nun ba Yosua+ nna no mu bɛsi saa da no, na Israelfoɔ nyɛɛ saa da, na ɛmaa wɔdii ahurisie kɛse.+
18 Biribi wɔ hɔ a mahunu sɛ ɛyɛ na ɛfata. Ɛno ne sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ afiri adwumaden a ɔbrɛ ne ho yɛ+ wɔ wiase no mu, adwumaden a ɔyɛ wɔ ne nkwa nna kakra a nokorɛ Nyankopɔn no de ama no no nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛno ne n’akatua.*+