Ɔsɛnkafoɔ
5 Berɛ biara a wobɛkɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie no, hwɛ w’anammɔn yie.+ Ɛyɛ sɛ wobɛkɔ hɔ na woakɔyɛ aso atie+ sene sɛ wobɛbɔ afɔreɛ sɛdeɛ nkwaseafoɔ yɛ no,+ ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔnnim sɛ deɛ wɔreyɛ no yɛ bɔne.
2 Mma w’ano mmpere wo, na w’akoma nso, mma ɛmmpere ne ho nnka asɛm bi wɔ nokorɛ Nyankopɔn no anim.+ Ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no wɔ soro, na wo deɛ, asaase so na wowɔ. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wo nsɛm yɛ kakraa bi no.+ 3 Nneɛma pii a nnipa dwene ho na ɛde adaeɛso ba,+ na nsɛm bebrebe na ɛma wɔte kwasea nsɛnkeka.+ 4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛdi so,+ ɛfiri sɛ n’ani nnye nkwaseafoɔ ho.+ Ɛbɔ a woahyɛ no, di so.+ 5 Ɛyɛ sɛ worenhyɛ bɔ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so.+ 6 Mma w’ano nnnyegye wo* nnkɔ bɔne mu,+ na nka wɔ ɔbɔfoɔ* no anim sɛ ɛyɛ mfomsoɔ.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka biribi ma ɛno nti nokorɛ Nyankopɔn no bo fu na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?+ 7 Na sɛdeɛ nneɛma pii a nnipa dwene ho de adaeɛso ba no,+ saa ara na kasa dodoɔ nso de ahuhudeɛ ba. Enti suro nokorɛ Nyankopɔn no.+
8 Sɛ wohunu sɛ obi hyɛ ohiani so, na ɔkyea atemmuo, na ɔdane tenenee ani wɔ wo mantam mu a, mma ɛnnyɛ wo nwanwa.+ Ɛfiri sɛ saa panin no, obi a ɔkorɔn sene no rehwɛ no, na ebinom nso wɔ hɔ a wɔkorɔn sene wɔn.
9 Bio nso, wɔkyɛ asaase no so aba ma wɔn nyinaa; ɔhene mpo, ɔdidi asaase no so bi.+
10 Deɛ n’ani bere dwetɛ no, dwetɛ remmee no da, na deɛ n’ani bere ahonyadeɛ nso, sika remmee no da.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ.+
11 Sɛ nneɛma pa dɔɔso a, wɔn a wɔdie nso dɔɔso.+ Na mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so ma ne wura? N’ani kɛkɛ na ɔde hwɛ.+
12 Sɛ akoa didi kakraa bi oo, sɛ ɔdidi pii oo, ne nna yɛ no dɛ. Na ɔdefoɔ deɛ, nneɛma pii a ɔwɔ no mma ɔntumi nna.
13 Awerɛhosɛm kɛseɛ* bi wɔ hɔ a mahunu wɔ wiase. Ɛne sɛ: Obi boaboa ahonyadeɛ ano sie ma ɛdane ɔhaw ma no. 14 Ɔde n’ahonyadeɛ no hyɛ adwuma mu, na ne dwetire no hye ma saa ahonyadeɛ no firi ne nsa. Enti berɛ a ɔbɛwo ba no, na ɔnni hwee wɔ ne nsam.+
15 Sɛdeɛ onipa de adagya firi ne maame yam baeɛ no, saa ara na ɔbɛsan akɔ.+ Na ɔrentumi mfa adwuma a ɔbrɛ yɛeɛ no mu biribiara nkura nkɔ.+
16 Wei nso yɛ awerɛhosɛm kɛseɛ:* Sɛdeɛ onipa baeɛ no, saa ara na ɔbɛsan akɔ; na mfasoɔ bɛn na ɛwɔ hɔ ma deɛ ɔbrɛ ne ho yɛ adwuma gu mframa mu no?+ 17 Afei nso, da biara ɔdidi wɔ sum mu, na ne haw, ne ne yareɛ ne n’abufuo dɔɔso pii.+
18 Biribi wɔ hɔ a mahunu sɛ ɛyɛ na ɛfata. Ɛno ne sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ afiri adwumaden a ɔbrɛ ne ho yɛ+ wɔ wiase no mu, adwumaden a ɔyɛ wɔ ne nkwa nna kakra a nokorɛ Nyankopɔn no de ama no no nyinaa mu, ɛfiri sɛ ɛno ne n’akatua.*+ 19 Bio nso, sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ma onipa nya sika ne ahonyadeɛ,+ na ɔma no tumi de gye n’ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔ n’akatua* no mu na ɔma n’ani gye n’adwumaden mu. Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.+ 20 N’adwene renkɔ ne nkwa nna a ɛretwam no so pii, ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no ma n’adwene kɔ anigyeɛ a wanya wɔ n’akomam no so.+