2 Sɛ ɔbarima hyɛ Yehowa bɔ+ anaa ɔka ntam+ de kyekyere ne ho* sɛ ɔbɛtwe ne ho afiri nneɛma bi ho a, ɛnsɛ sɛ ɔbu so.+ Deɛ wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne nyinaa.+
24 Ná Israel mmarima no abrɛbrɛ, ɛfiri sɛ na Saul agyina asraafoɔ no anim aka ntam sɛ: “Nnome nka ɔbarima biara a ɔrentwɛn nkɔsi sɛ mɛtua m’atamfo so ka na ɔbɛdidi* ansa na enwunu adwo!” Enti asraafoɔ no mu biara amfa aduane anka n’ano.+