-
Genesis 28:20-22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Afei Yakob kaa ntam sɛ: “Sɛ Onyankopɔn di m’akyi hwɛ me so wɔ m’akwantuo yi mu, na ɔma me aduane* di ma me ataadeɛ hyɛ, 21 na mesan kɔ me papa fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ na Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ me Nyankopɔn ampa. 22 Na ɛboɔ a mede ayɛ edum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie,+ na biribiara a wode bɛma me no, mɛhwɛ akyɛ mu du ama wo baako.”
-