Atemmufoɔ
11 Ná Gileadni Yefta+ yɛ katakyie. Ná ɔyɛ tuutuuni baa bi ba, na na Yefta papa din de Gilead. 2 Gilead yere nso woo mma mmarima maa no. Berɛ a ne yere no mma nyinyiniiɛ no, wɔpamoo Yefta, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Worennya agyapadeɛ biara wɔ yɛn papa fie, ɛfiri sɛ woyɛ ɔbaa foforɔ ba.” 3 Enti Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn, na ɔkɔtenaa Tob asaase so. Ɛnna akobɔfoɔ bi boaa wɔn ano kɔkaa Yefta ho, na wɔdii n’akyi.
4 Akyire yi, Ammonfoɔ ne Israelfoɔ bɛkoe.+ 5 Berɛ a Ammonfoɔ ne Israelfoɔ bɛkoeɛ no, Gilead mpanimfoɔ yɛɛ ntɛm kɔɔ sɛ wɔrekɔfa Yefta afiri Tob asaase so asan aba. 6 Na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Bra bɛyɛ yɛn sahene, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi ne Ammonfoɔ no ako.” 7 Ɛnna Yefta bisaa Gilead mpanimfoɔ no sɛ: “Ɛnyɛ mo na motan me dendeenden a enti mopamoo me firii me papa fie no?+ Afei a mo ho akyere mo no, moaba me nkyɛn sɛ menyɛ mo dɛn?” 8 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Ɛno nti na seesei yɛasan aba wo nkyɛn yi. Enti sɛ wo ne yɛn kɔ na yɛne Ammonfoɔ kɔko a, wobɛyɛ yɛn so panin, na wobɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”+ 9 Ɛnna Yefta ka kyerɛɛ Gilead mpanimfoɔ no sɛ: “Sɛ mode me san kɔ ma me ne Ammonfoɔ kɔko, na Yehowa di wɔn so nkonim ma me a, ɛnneɛ mɛyɛ mo so panin!” 10 Na Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Sɛ yɛanyɛ deɛ woaka yi a, Yehowa nyɛ yɛne wo ntam danseni.”* 11 Enti Yefta ne Gilead mpanimfoɔ no kɔe, na ɔman no de no yɛɛ wɔn so panin ne wɔn sahene. Na Yefta kaa ne nsɛm no nyinaa bio wɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+
12 Ɛnna Yefta somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Ammon+ hene nkyɛn kɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na mayɛ wo* a enti woaba m’asaase so sɛ wo ne me rebɛko yi?” 13 Na Ammonfoɔ hene no ka kyerɛɛ wɔn a Yefta somaa wɔn no sɛ: “Deɛ ɛwom ne sɛ, berɛ a Israelfoɔ firi Egypt reba* no, wɔfaa m’asaase,+ ɛfiri Arnon+ kɔ Yabok kɔsi Yordan ho.+ Enti sɛ wompɛ wo ho asɛm a, san fa m’adeɛ ma me bɔkɔɔ.” 14 Nanso Yefta san somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Ammonfoɔ hene no nkyɛn 15 kɔka kyerɛɛ no sɛ:
“Yefta se yɛnka nkyerɛ wo sɛ: ‘Israel amfa Moabfoɔ asaase+ ne Ammonfoɔ asaase biara.+ 16 Berɛ a Israelfoɔ firi Egypt reba no, wɔnante faa serɛ so bɛduruu Ɛpo Kɔkɔɔ no ho,+ na wɔfiri hɔ baa Kades.+ 17 Na Israel somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Edom hene nkyɛn+ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so,” nanso Edom hene ampene. Wɔsoma kɔɔ Moab hene nso nkyɛn,+ na ɔno nso ampene. Enti Israelfoɔ kɔɔ so tenaa Kades.+ 18 Berɛ a wɔnam serɛ so no, wɔtwa faa Edom asaase ne Moab asaase ho.+ Wɔfaa Moab asaase no apueeɛ fam,+ na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtamu. Wɔantra amma Moab asaase so,+ ɛfiri sɛ na Arnon da Moab hyeɛ so.
19 “‘Akyire yi, Israel somaa nkurɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon, Hesbon hene no nkyɛn, na Israel ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛpa wo kyɛw, ma yɛmfa w’asaase so nkɔ baabi a yɛrekɔ.”+ 20 Nanso na Sihon nnye Israelfoɔ no nni sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa n’asaase so kɛkɛ, enti Sihon boaboaa ne nkurɔfoɔ nyinaa ano, na wɔkɔsoɛɛ Yahas, na wɔne Israelfoɔ koe.+ 21 Ɛnna Israel Nyankopɔn Yehowa de Sihon ne ne nkurɔfoɔ nyinaa hyɛɛ Israelfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so nkonim, na Israelfoɔ faa nsaase a Amorifoɔ tete so wɔ saa mantam no mu nyinaa.+ 22 Enti wɔfaa Amorifoɔ nsaase nyinaa, ɛfiri Arnon kɔsi Yabok, ɛfiri serɛ so kɔsi Yordan ano.+
23 “‘Israel Nyankopɔn Yehowa na ɔtuu Amorifoɔ firii ne man Israel anim,+ ɛnna seesei wopɛ sɛ wopamo Israel firi so yi? 24 Asaase a wo nyame Kemos+ bɛma woagye no, ɛnyɛ ɛno ara na wobɛfa? Enti yɛn nso, obiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn bɛpamo no afiri yɛn anim no, ɔno na yɛbɛfa n’asaase.+ 25 Adɛn, ɛyɛ wo sɛ wokyɛn Sipor ba Balak,+ Moab hene no anaa? Woate sɛ ɔne Israel reham anaasɛ ɔne wɔn reko pɛn? 26 Berɛ a Israel tenaa Hesbon ne ɛho nkuro+ ne Aroer ne ɛho nkuro ne nkuro a ɛgu Arnon nsuo ano nyinaa mu mfeɛ 300 no, adɛn nti na saa berɛ no woanka sɛ wobɛgye afiri wɔn nsam?+ 27 Menyɛɛ wo bɔne; wo na woayɛ me bɔne sɛ wode ntɔkwa atoa me. Ma Ɔtemmufoɔ+ Yehowa mmu Israelfoɔ ne Ammonfoɔ ntam atɛn nnɛ.’”
28 Nanso Ammonfoɔ hene no antie asɛm a Yefta soma maa wɔkɔka kyerɛɛ no no.
29 Ɛnna Yehowa honhom baa Yefta so,+ na ɔkɔfaa Gilead ne Manase kɔɔ Gilead a ɛwɔ Mispe,+ na ɔfiri Gilead a ɛwɔ Mispe toaa so kɔɔ Ammonfoɔ no so.
30 Na Yefta hyɛɛ Yehowa bɔ+ sɛ: “Sɛ wode Ammonfoɔ hyɛ me nsa, 31 na medi Ammonfoɔ so nkonim na mesan ba asomdwoeɛ mu a, obiara a ɔbɛpue afiri me fie pono ano abɛhyia me no, mede no bɛma Yehowa,+ na mede no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ama no.”+
32 Enti Yefta ne Ammonfoɔ no kɔkoe, na Yehowa de wɔn hyɛɛ ne nsa. 33 Na ɔkunkum Ammonfoɔ bebree paa firii Aroer ara kɔduruu Minit, nkuro 20; ɔkunkum wɔn ara kɔduruu Abel-Keramim. Enti Israelfoɔ dii Ammonfoɔ so nkonim.
34 Ɛnna Yefta baa ne fie wɔ Mispa.+ Na hwɛ! ne babaa de mpintin ne asa bɛhyiaa no! Ná ɔno nko ara ne ne ba. Ná ɔnni ɔbabarima anaa ɔbabaa biara ka ne ho. 35 Berɛ a ɔhuu no no, ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: “Ao, me babaa! Woama m’akoma abubu,* ɛfiri sɛ wo na matwa wo asu. Nanso manya abue m’ano ahyɛ Yehowa bɔ, enti merentumi ntwe nsan.”+
36 Ɛnna ne babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Paapa, sɛ woabue w’ano ahyɛ Yehowa bɔ a, ɛnneɛ sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, yɛ me saa ara,+ ɛfiri sɛ Yehowa atua w’atamfo Ammonfoɔ so ka ama wo.” 37 Na ɔsan ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Adeɛ baako pɛ na meresrɛ wo: Ma mente me ho mfiri wo ho abosome mmienu, na menkɔ bepɔ so na me ne me nnamfo mmaa nkɔsu me baabunyɛ ho.”*
38 Ɛnna ne papa kaa sɛ: “Kɔ!” Enti ɔgyaa no kwan maa no kɔɔ abosome mmienu. Na ɔne ne nnamfo no kɔɔ bepɔ so kɔsuu wɔ ne baabunuyɛ ho. 39 Berɛ a abosome mmienu no soeɛ no, ɔsan baa ne papa nkyɛn, na ne papa yɛɛ no sɛdeɛ wahyɛ bɔ no.+ Na ababaawa no ne ɔbarima biara anna da. Na ɛbɛyɛɛ amanneɛ wɔ Israel. Ɛne sɛ: 40 Afe biara, na Israel mmabaawa de nnanan kɔkamfo Gileadni Yefta babaa no.