Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 12
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Yefta ne Efraimfoɔ koe (1-7)

        • Shibolet ne Sibolet (6)

      • Ɔtemmufoɔ Ibsan; Ɔtemmufoɔ Elon; Ɔtemmufoɔ Abdon (8-15)

Atemmufoɔ 12:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔtwa kɔɔ atifi fam.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:1

Atemmufoɔ 12:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “kra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 11:29

Atemmufoɔ 12:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 3:12, 13

Atemmufoɔ 12:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 3:28; 7:24

Atemmufoɔ 12:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 2:16

Atemmufoɔ 12:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 36:12; Ex 17:16; Nu 13:29; 1Sa 15:2

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 12:1Ate 8:1
Atem. 12:3Ate 11:29
Atem. 12:4De 3:12, 13
Atem. 12:5Ate 3:28; 7:24
Atem. 12:8Ate 2:16
Atem. 12:15Ge 36:12; Ex 17:16; Nu 13:29; 1Sa 15:2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 12:1-15

Atemmufoɔ

12 Na Efraim mmarima boaa wɔn ho ano, na wɔtwa kɔɔ Safon* kɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: “Berɛ a wɔretwa akɔ ne Ammonfoɔ akɔko no, adɛn nti na woamfrɛ yɛn amma yɛne wo ankɔ?+ Yɛbɛtwa egya ato wo fie mu ahye wo ne efie no nyinaa.” 2 Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ntɔkwa kɛseɛ bi sɔree wɔ me ne me nkurɔfoɔ ne Ammonfoɔ ntam. Mefrɛɛ mo sɛ mommɛboa me, nanso moammɛgye me amfiri wɔn nsam. 3 Berɛ a mehuu sɛ moremma mmɛgye me no, meyɛɛ m’adwene sɛ mede me nkwa* bɛto me nsam na me ne Ammonfoɔ no akɔko.+ Na Yehowa nso de wɔn hyɛɛ me nsa. Enti adɛn na nnɛ moaba sɛ mo ne me rebɛko yi?”

4 Ɛnna Yefta boaboaa Gilead mmarima+ nyinaa ano, na wɔne Efraimfoɔ kɔkoe. Na Gilead mmarima dii Efraimfoɔ so nkonim. Saa Efraimfoɔ no na wɔkaa sɛ: “Mo Gileadfoɔ a mowɔ Efraim ne Manase no, moyɛ Efraim akobɔfoɔ.” 5 Na Gileadfoɔ dii kan kɔsii baabi a wɔfa twa Yordan nsuo no+ ansa na Efraimfoɔ no reduru hɔ. Sɛ Efraimfoɔ a wɔredwane no bi kɔduru hɔ na ɔka sɛ: “Momma mentwa nkɔ” a, na Gileadfoɔ no abisa no sɛ: “Woyɛ Efraimni?” Sɛ ɔka sɛ: “Daabi!” a, 6 na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Ka sɛ Shibolet.” Nanso ɛyɛ a ɔntumi nka no yie, enti ɔka sɛ “Sibolet.” Ɛba saa a, na wɔakye no aku no wɔ baabi a wɔfa twa Yordan nsuo no. Enti saa berɛ no, Efraimfoɔ 42,000 na wɔwuwuiɛ.

7 Gileadni Yefta buu Israel atɛn mfeɛ nsia, na ɛno akyi no ɔwui, na wɔsiee no wɔ ne kurom wɔ Gilead.

8 N’akyi no, Ibsan a ɔfiri Betlehem bɛbuu Israel atɛn.+ 9 Ná ɔwɔ mma mmarima 30 ne mma mmaa 30. Ɔmaa ne mma mmaa no waree mmarima a wɔmfiri n’abusua mu, na ɔkɔpɛɛ mmaa 30 brɛɛ ne mma mmarima no sɛ wɔnware wɔn. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nson. 10 Afei Ibsan wui, na wɔsiee no wɔ Betlehem.

11 N’akyi no, Sebulonni Elon bɛbuu Israel atɛn. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ du. 12 Afei Sebulonni Elon wui, na wɔsiee no wɔ Ayalon wɔ Sebulon asaase so.

13 N’akyi no, Piratonni Hilel ba Abdon bɛbuu Israel atɛn. 14 Ná ɔwɔ mma mmarima 40 ne mmanana mmarima 30 a wɔtenatenaa mfunumu 70 so. Na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ nwɔtwe. 15 Afei Piratonni Hilel ba Abdon wui, na wɔsiee no wɔ Piraton a ɛwɔ Efraimfoɔ asaase so wɔ Amalekfoɔ+ bepɔ so.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane