Atemmufoɔ
10 Abimelek akyi no, Tola na ɔsɔre bɛgyee Israelfoɔ.+ Ná ɔyɛ Dodo ba Pua ba, na na ɔfiri Isakar abusuakuo mu. Ɔtenaa Samir wɔ Efraim mmepɔ mu. 2 Ɔbuu Israel atɛn mfeɛ 23, na ɔwu maa wɔsiee no wɔ Samir.
3 N’akyi no, Gileadni Yair sɔree, na ɔbuu Israel atɛn mfeɛ 22. 4 Ná ɔwɔ mma mmarima 30 a wɔtenatena mfunumu 30 so, na na wɔwɔ nkuro 30 a wɔfrɛ hɔ Hawot-Yair+ de bɛsi nnɛ. Ɛwɔ Gilead asaase so. 5 Akyire yi, Yair wu maa wɔsiee no wɔ Kamon.
6 Na Israelfoɔ no san yɛɛ bɔne wɔ Yehowa ani so bio,+ na wɔfirii aseɛ som Baal ahoni,+ ne Astoret ahoni, ne Aram* anyame, ne Sidon anyame, ne Moab anyame,+ ne Ammonfoɔ anyame,+ ne Filistifoɔ anyame.+ Wɔgyaa Yehowa hɔ, na wɔansom no. 7 Na Yehowa bo fuu Israel dendeenden, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Filistifoɔ ne Ammonfoɔ nsa.+ 8 Enti wɔmiaa Israelfoɔ no, na wɔteetee wɔn saa afe no. Mfeɛ 18 na wɔde teetee Israelfoɔ a wɔwɔ Yordan agya, asaase a na ɛyɛ Amorifoɔ asaase wɔ Gilead no. 9 Saa berɛ no, na Ammonfoɔ twa Yordan nsuo no ne Yuda ne Benyamin ne Efraim mmusuakuo kɔko, na Israelfoɔ hunuu amane paa. 10 Afei Israelfoɔ su frɛɛ Yehowa,+ na wɔkaa sɛ: “Yɛayɛ wo bɔne, ɛfiri sɛ yɛagya wo a woyɛ yɛn Nyankopɔn no hɔ akɔsom Baal ahoni.”+
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: “Mannye mo amfiri Egyptfoɔ,+ ne Amorifoɔ,+ ne Ammonfoɔ, ne Filistifoɔ,+ 12 ne Sidonfoɔ, ne Amalek, ne Midian nsam berɛ a wɔteetee mo no anaa? Berɛ a mosu frɛɛ me no, megyee mo firii wɔn nsam. 13 Nanso mogyaa me hɔ, na mokɔsom anyame foforɔ.+ Ɛno nti, merennye mo bio.+ 14 Monkɔ anyame a moyii wɔn no hɔ, na monkɔsu mfrɛ wɔn mma wɔmmoa mo.+ Momma wɔnnye mo wɔ mo amanehunu berɛ mu.”+ 15 Ɛnna Israelfoɔ no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yɛayɛ bɔne. Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so biara, fa yɛ yɛn. Deɛ yɛresrɛ ara ne sɛ, gye yɛn nnɛ da yi.” 16 Na wɔyiyii ananafoɔ anyame no firii wɔn nkyɛn, na wɔsom Yehowa.+ Ɛno nti, wantumi anhwɛ Israelfoɔ amanehunu no bio.*+
17 Berɛ bi akyi no, Ammonfoɔ+ boaa wɔn ho ano, na wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ Gilead. Na Israelfoɔ nso boaa wɔn ho ano, na wɔkyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ Mispa. 18 Na Gileadfoɔ ne wɔn aberempɔn bisabisaa sɛ: “Hwan na ɔbɛdi yɛn anim ne Ammonfoɔ akɔko?+ Ɔbɛdi Gileadfoɔ nyinaa so.”