Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Atemmufoɔ 9
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Atemmufoɔ Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Abimelek bɛyɛɛ ɔhene wɔ Sekem (1-6)

      • Yotam akasabebuo (7-21)

      • Abimelek dii adeɛ atirimuɔden so (22-33)

      • Abimelek kɔto hyɛɛ Sekem so (34-49)

      • Ɔbaa bi piraa Abimelek; ɔwui (50-57)

Atemmufoɔ 9:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “ne papa maame fie abusua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:30, 31

Atemmufoɔ 9:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “nsaasewuranom.”

  • *

    Anaa “me ne mo yɛ mogya baako.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:30

Atemmufoɔ 9:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asɔrefie.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:33; 9:46

Atemmufoɔ 9:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:11; 8:27
  • +2Ah 11:1; 2Be 21:4

Atemmufoɔ 9:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 17:14; 1Sa 8:7

Atemmufoɔ 9:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 11:29; Yos 8:33; Yoh 4:20

Atemmufoɔ 9:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:22

Atemmufoɔ 9:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “aba pii a meso.”

  • *

    Nt., “mekɔhinhim me ho wɔ nnua a aka no so.”

Atemmufoɔ 9:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 9:6

Atemmufoɔ 9:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 9:6

Atemmufoɔ 9:17

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “kra.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 7:9
  • +Ate 8:28

Atemmufoɔ 9:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 9:5
  • +Ate 8:30, 31

Atemmufoɔ 9:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 9:6, 49
  • +Ate 9:39, 53

Atemmufoɔ 9:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 9:5

Atemmufoɔ 9:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Abimelek yɛɛ ne ho sɛ ɔberempɔn wɔ Israel so.”

Atemmufoɔ 9:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Onyankopɔn somaa honhommɔne baa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam.”

Atemmufoɔ 9:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 9:6; Ate 9:5

Atemmufoɔ 9:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 21:20, 21; 24:1

Atemmufoɔ 9:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:33

Atemmufoɔ 9:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:32

Atemmufoɔ 9:33

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “deɛ wo nsa bɛtumi biara, fa yɛ no.”

Atemmufoɔ 9:38

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 9:28, 29

Atemmufoɔ 9:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 9:30

Atemmufoɔ 9:45

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 12:25

Atemmufoɔ 9:46

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asɔrefie.”

  • *

    Anaa “abandenden.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 8:33; 9:4, 27

Atemmufoɔ 9:53

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 11:21

Atemmufoɔ 9:56

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 9:6; Ate 9:5, 24

Atemmufoɔ 9:57

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ate 6:32
  • +Ate 9:7, 20

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Atem. 9:1Ate 8:30, 31
Atem. 9:2Ate 8:30
Atem. 9:4Ate 8:33; 9:46
Atem. 9:5Ate 6:11; 8:27
Atem. 9:52Ah 11:1; 2Be 21:4
Atem. 9:6De 17:14; 1Sa 8:7
Atem. 9:7De 11:29; Yos 8:33; Yoh 4:20
Atem. 9:8Ate 8:22
Atem. 9:14Ate 9:6
Atem. 9:16Ate 9:6
Atem. 9:17Ate 7:9
Atem. 9:17Ate 8:28
Atem. 9:18Ate 9:5
Atem. 9:18Ate 8:30, 31
Atem. 9:20Ate 9:6, 49
Atem. 9:20Ate 9:39, 53
Atem. 9:21Ate 9:5
Atem. 9:24Ge 9:6; Ate 9:5
Atem. 9:26Yos 21:20, 21; 24:1
Atem. 9:27Ate 8:33
Atem. 9:28Ate 6:32
Atem. 9:38Ate 9:28, 29
Atem. 9:41Ate 9:30
Atem. 9:451Ah 12:25
Atem. 9:46Ate 8:33; 9:4, 27
Atem. 9:532Sa 11:21
Atem. 9:56Ge 9:6; Ate 9:5, 24
Atem. 9:57Ate 6:32
Atem. 9:57Ate 9:7, 20
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
  • 47
  • 48
  • 49
  • 50
  • 51
  • 52
  • 53
  • 54
  • 55
  • 56
  • 57
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Atemmufoɔ 9:1-57

Atemmufoɔ

9 Akyire yi, Yerubaal ba Abimelek+ kɔɔ ne maame nua mmarima nkyɛn wɔ Sekem, na ɔka kyerɛɛ wɔne ne nanabarima abusuafoɔ nyinaa* sɛ: 2 “Mepa mo kyɛw, mommisa Sekem mpanimfoɔ* nyinaa sɛ, ‘Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ ma mo? Mopɛ sɛ Yerubaal+ mma mmarima 70 no nyinaa di mo so, anaa mopɛ sɛ onipa baako na ɔdi mo so? Monkae sɛ meyɛ mo ara mo dompe ne mo honam.’”*

3 Enti ne maame nuanom no kɔkaa n’asɛm no kyerɛɛ Sekem mpanimfoɔ nyinaa, na wɔn akoma dane kɔdii Abimelek akyi, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: “Ɔyɛ yɛn ara yɛn nua.” 4 Ɛnna wɔyii nnwetɛbena 70 firii Baal-Berit+ abosomfie* de maa no, na Abimelek de bɔɔ mmarima akwasampafoɔ bi a wɔnni dwuma bi die paa sɛ wɔnni n’akyi. 5 Afei ɔkɔɔ ne papa fie wɔ Ofra,+ na ɔkɔkunkum ne nuanom,+ Yerubaal mma mmarima 70 no wɔ ɛboɔ baako so. Ɛkaa Yerubaal ba kumaa Yotam nko ara, ɛfiri sɛ ɔde ne ho sieeɛ.

6 Enti Sekem mpanimfoɔ nyinaa ne Bet-Milofoɔ nyinaa hyiae, na wɔsii Abimelek hene+ wɔ dua kɛseɛ no ho wɔ edum a ɛsi Sekem no nkyɛn.

7 Berɛ a nkurɔfoɔ kɔkaa deɛ asie no kyerɛɛ Yotam no, ntɛm ara na ɔkɔgyinaa Gerisim Bepɔ+ so, na ɔteaam ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sekem mpanimfoɔ, montie me, na Onyankopɔn nso bɛtie mo:

8 “Berɛ bi, nnua nyinaa kɔɔ sɛ wɔrekɔsra obi de no asi wɔn so hene. Enti wɔka kyerɛɛ ngodua sɛ, ‘Di yɛn so hene.’+ 9 Na ngodua bisaa wɔn sɛ, ‘Me ngo* a wɔde hyɛ Onyankopɔn ne nnipa animuonyam no, mopɛ sɛ megyae yɛ na mekɔdi nnua a aka no so hene* anaa?’ 10 Ɛnna nnua no ka kyerɛɛ borɔdɔma dua sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so hene.’ 11 Na borɔdɔma dua no bisaa wɔn sɛ, ‘Aba pa dɛdɛɛdɛ a meso no, mopɛ sɛ megyae na mekɔdi nnua a aka no so hene anaa?’ 12 Afei nnua no kɔka kyerɛɛ bobe dua sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so hene.’ 13 Ɛnna bobe dua no bisaa wɔn sɛ, ‘Bobesa foforɔ a ɛma Onyankopɔn ne nnipa ani gye no, mopɛ sɛ megyae yɛ na mekɔdi nnua a aka so hene anaa?’ 14 Ɛwiee aseɛ no, nnua no nyinaa ka kyerɛɛ nkasɛɛ-nkasɛɛ dua sɛ, ‘Bra bɛdi yɛn so hene.’+ 15 Ɛnna nkasɛɛ-nkasɛɛ dua ka kyerɛɛ nnua no sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ ampa sɛ mopɛ sɛ mosra me si mo so hene a, ɛnneɛ mommra me nwunu ase mmɛhome. Na sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ egya mfiri nkasɛɛ-nkasɛɛ dua mu na ɛmmɛhye Lebanon sida nnua.’

16 “Abimelek a mode no asi hene yi,+ enti mohwɛ a ɛfata, na ɛfiri mo akomam paa? Mohwɛ a, mo ne Yerubaal ne ne fiefoɔ adi no yie? Deɛ ɔyɛeɛ no, ɛho akatua nie? 17 Berɛ a me papa ko maa mo no,+ ɔde ne nkwa* too ne nsam gyee mo firii Midian nsam.+ 18 Nanso ɛnnɛ, moasɔre atia me papa fiefoɔ, na moakunkum ne mma, mmarima 70 wɔ ɛboɔ baako so.+ Mowieeɛ a, mode n’abaawa ba Abimelek+ asi Sekem mpanimfoɔ so hene, ɛsiane sɛ ɔyɛ mo nua nti. 19 Enti deɛ mode adi Yerubaal ne ne fiefoɔ nnɛ no, sɛ ɛfata, na sɛ ɛfiri mo akomam paa a, ɛnneɛ monni Abimelek ho ahurisie na ɔno nso nni mo ho ahurisie. 20 Na sɛ ɛnte saa a, ɛnneɛ egya mfiri Abimelek mu mmɛhye Sekem mpanimfoɔ ne Bet-Milo+ mpanimfoɔ, na egya mfiri Sekem mpanimfoɔ ne Bet-Milo mpanimfoɔ mu mmɛhye Abimelek.”+

21 Afei Yotam+ dwane kɔɔ Beer, na ne nua Abimelek nti ɔtenaa hɔ.

22 Na Abimelek dii Israel so hene* mfeɛ mmiɛnsa. 23 Afei Onyankopɔn maa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam sɛee,* na Sekem mpanimfoɔ ne Abimelek dii no nwononwoonwono. 24 Ɔyɛɛ saa de tuaa kum a Abimelek kum Yerubaal mma mmarima 70 yayaaya no so ka, na ama wɔn mogya abɛgu wɔn nua Abimelek tiri so, ɛfiri sɛ ɔno na ɔkum wɔn,+ na asan abɛgu Sekem mpanimfoɔ tiri so, ɛfiri sɛ wɔn na wɔboaa no maa ɔkum ne nuanom no. 25 Enti Sekem mpanimfoɔ maa nkurɔfoɔ kɔtɛɛ Abimelek wɔ mmepɔ atifi, na obiara a ɔbɛtwam wɔ wɔn nkyɛn no, na wɔgye ne nneɛma wɔ kwan no so. Akyire yi, nkurɔfoɔ kɔkaa deɛ na wɔreyɛ no kyerɛɛ Abimelek.

26 Ɛnna Ebed ba Gaal ne ne nuanom bɛtwaam kɔɔ Sekem,+ na Sekem mpanimfoɔ de wɔn werɛ hyɛɛ ne mu. 27 Na wɔkɔɔ wuram kɔtetee wɔn bobe mfuo mu aba, na wɔkyĩ de yɛɛ nsã, na wɔdii afahyɛ. Afei wɔkɔɔ wɔn nyame fie+ kɔdidi nomee, na wɔdomee Abimelek. 28 Na Ebed ba Gaal bisaa sɛ: “Hwan ne Abimelek, na hwan ne Sekem a enti ɛsɛ sɛ yɛsom no? Ɔnyɛ Yerubaal+ ba, na Sebul nyɛ ne nanmusini? Monsom Sekem papa Hamor mma mmarima! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsom Abimelek? 29 Sɛ ɔman yi hyɛ m’ase a, anka matu Abimelek adeɛ so.” Na ɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ: “Pɛ asraafoɔ bebree na pue bra.”

30 Berɛ a Sebul a ɔyɛ kuro no berempɔn tee Ebed ba Gaal asɛm no, ne bo fui. 31 Enti ɔfaa akyire somaa nnipa kɔɔ Abimelek nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Ebed ba Gaal ne ne nuanom aba Sekem, na wɔama kurom hɔfoɔ nyinaa asɔre atia wo. 32 Enti wo ne nnipa a wɔka wo ho no mforo mmra anadwo, na monkɔtɛ wuram. 33 Sɛ awia pue anɔpa pɛ, sɔre ntɛm na to hyɛ kuro no so; na sɛ ɔne ne dɔm pue ba wo so a, yɛ deɛ wobɛtumi biara di ne so nkonim.”*

34 Enti Abimelek ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɔree anadwo, na wɔkyɛɛ wɔn mu akuo nnan, na wɔkɔtetɛɛ Sekem. 35 Berɛ a Ebed ba Gaal pue kɔgyinaa kuro no pono ano no, Abimelek ne nkurɔfoɔ a ɛka ne ho no pue firii baabi a wɔkɔtɛeɛ no. 36 Berɛ a Gaal huu nkurɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Sebul sɛ: “Hwɛ! Nnipa bi firi mmepɔ no atifi resiane.” Nanso Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛyɛ mmepɔ no sunsum na wohu no sɛ nnipa no.”

37 Akyire yi Gaal san kaa sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfoɔ bi firi asaase no mfimfini reba, na ekuo baako nam Meonenim dua kɛseɛ no kwan so reba.” 38 Ɛnna Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɛnyɛ wo na na woredwa w’anom sɛ, ‘Hwan ne Abimelek a ɛsɛ sɛ yɛsom no’+ no? Ɛnyɛ saa nkurɔfoɔ yi na wopoo wɔn no? Afei pue kɔ na wo ne wɔn nkɔko.”

39 Enti Gaal dii Sekem mpanimfoɔ anim ne Abimelek kɔkoe. 40 Na Abimelek taa Gaal, na ɔdwanee, na wɔkunkum nnipa pii guu hɔ ara kɔsii kuro no pono ano.

41 Afei Abimelek kɔɔ so tenaa Aruma, na Sebul+ pamoo Gaal ne ne nuanom firii Sekem. 42 Adeɛ kyeeɛ no, nkurɔfoɔ no pue kɔɔ wuram. Na ebinom kɔka kyerɛɛ Abimelek. 43 Enti ɔfaa nkurɔfoɔ no, na ɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmiɛnsa, na wɔkɔtetɛɛ wuram. Na berɛ a ɔhuu sɛ nnipa no apue afiri kurom hɔ reba no, ɔto hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn. 44 Na Abimelek ne kuo a wɔka ne ho no bɔɔ twi kɔgyinaa kuro no pono ano, na akuo mmienu no nso kɔto hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wuram no nyinaa so kunkum wɔn. 45 Na Abimelek ne kuro no mufoɔ koo da mu no nyinaa, na ɔfaa kuro no. Afei ɔkunkum nnipa a wɔwɔ hɔ no, na ɔsɛee kuro no,+ na ɔde nkyene petee hɔ nyinaa.

46 Berɛ a Sekem abantenten mu mpanimfoɔ teeɛ no, ɛhɔ ara na wɔkɔhyɛɛ El-Berit fie*+ ahintaeɛ* mu. 47 Berɛ a nkurɔfoɔ kɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem abantenten mu mpanimfoɔ no nyinaa aboa wɔn ano no, ɛhɔ ara na 48 Abimelek ne mmarima a wɔka ne ho no nyinaa kɔɔ Salmon Bepɔ so. Na Abimelek faa akuma de twaa dua nkorabata bi, na ɔmaa so too ne kɔn ho. Afei ɔka kyerɛɛ nnipa a wɔka ne ho no sɛ: “Deɛ mohuu sɛ mereyɛ no, obiara nyɛ ntɛm nyɛ bi!” 49 Enti nnipa no nyinaa nso twitwaa dua nkorabata de dii Abimelek akyi. Na wɔde bɛguu ahintaeɛ a ɛwɔ aban no ase no ho, na wɔde egya toom. Enti nnipa a wɔwɔ Sekem abantenten no mu nyinaa nso wuwui, mmarima ne mmaa bɛyɛ 1,000.

50 Afei Abimelek kɔɔ Tebes. Ɔkaa nnipa no hyɛɛ Tebes kuro no mu, na ɔko fae. 51 Ná abandenden bi wɔ kuro no mfimfini, enti mmarima ne mmaa ne kuro no mu mpanimfoɔ nyinaa dwane kɔhyɛɛ hɔ, na wɔtoo mu foro kɔɔ aban no atifi. 52 Abimelek kɔɔ aban no ho sɛ ɔrekɔbɔ awura mu. Na ɔkɔɔ aban no pono ano sɛ ɔde egya rekɔto mu. 53 Ɛnna mmaa no baako gyaa ɛboɔ a wɔde yam adeɛ mu bɛhwee Abimelek tirim maa ne tikwankoraa mu paeeɛ.+ 54 Ntɛm ara na ɔfrɛɛ n’akoa a ɔkura n’akodeɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Twe wo sekan ku me, na nkurɔfoɔ anka sɛ, ‘Ɔbaa na ɔkuu no.’” Enti n’akoa no de ne sekan wɔɔ no maa no wui.

55 Berɛ a Israel mmarima no huu sɛ Abimelek awu no, obiara san kɔɔ ne fie. 56 Enti bɔne a Abimelek de yɛɛ ne papa a ɛne sɛ ɔkunkum ne nuanom 70 no, Onyankopɔn tuaa no ka.+ 57 Afei nso, bɔne a Sekem mmarima yɛeɛ nyinaa, Onyankopɔn maa ɛbaa wɔn ankasa tiri so. Enti Yerubaal+ ba Yotam+ nnome no baa wɔn so.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane