Atemmufoɔ
8 Na Efraim mmarima bisaa no sɛ: “Adɛn nti na woyɛɛ yɛn saa? Adɛn nti na woamfrɛ yɛn berɛ a wo ne Midianfoɔ rekɔko no?”+ Enti wɔne no hamee dendeenden.+ 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ moayɛ no, ɛnsene deɛ mayɛ anaa? Efraimfoɔ+ nnɔbaeɛ ase a nkurɔfoɔ sesa no, ɛnyɛ nkyɛn bobe a Abiesarfoɔ+ atwa? 3 Ɛyɛ mo nsa na Onyankopɔn de Midianfoɔ aberempɔn Oreb ne Seeb+ hyɛeɛ. Deɛ moayɛ no, ɛnsene deɛ mayɛ anaa?” Berɛ a ɔkaa saa no, wɔn bo dwoe.*
4 Afei Gideon bɛduruu Yordan ho, na ɔtwae. Ná ɔne ne mmarima 300 a wɔka ne ho no abrɛ, nanso wɔkɔɔ so ara taa wɔn.* 5 Na ɔka kyerɛɛ Sukot mmarima sɛ: “Mepa mo kyɛw, momma nnipa a wɔdi m’akyi no paanoo, ɛfiri sɛ wɔabrɛ, na meretaa Midian ahemfo Sebah ne Salmuna.” 6 Nanso Sukot aberempɔn no kaa sɛ: “Sebah ne Salmuna a woreka yi, sɛ́ wo nsa nnya nkaa wɔn? Adɛn nti na wose yɛmma w’asraafoɔ paanoo?” 7 Ɛnna Gideon kaa sɛ: “Deɛ moaka yi nti, sɛ Yehowa de Sebah ne Salmuna hyɛ me nsa a, mede serɛ so nkasɛɛ ne hwerɛmo bɛbirim mo.”+ 8 Na ɔfirii hɔ foro kɔɔ Penuel, na ɔde asɛm korɔ no ara kɔtoo wɔn anim. Nanso deɛ Sukot mmarima kaeɛ no, saa ara na Penuel mmarima nso ka kyerɛɛ no. 9 Enti ɔka kyerɛɛ Penuel mmarima nso sɛ: “Sɛ mesan ba asomdwoeɛ mu a, mɛdwiri abantenten yi agu fam.”+
10 Saa berɛ no, na Sebah ne Salmuna ne wɔn asraafoɔ wɔ Karkor. Ná wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima 15,000. Wɔn na na wɔaka wɔ Apueeɛfoɔ+ asraafoɔ no mu, ɛfiri sɛ na wɔakunkum wɔn mu mmarima 120,000 a wɔde sekan kɔ ɛko. 11 Gideon toaa so foro kɔfaa wɔn a wɔtete ntomadan mu no kwan so wɔ Noba ne Yogbeha+ apueeɛ, na ɔto hyɛɛ asoɛeɛ no so berɛ a wɔn ani nna. 12 Berɛ a Midian ahemfo mmienu no, Sebah ne Salmuna dwaneeɛ no, ɔtaa wɔn, na ɔkɔkyee Sebah ne Salmuna. Na wɔn a wɔwɔ asoɛeɛ hɔ nyinaa bɔɔ hu.
13 Ɛnna Yoas ba Gideon san firii ɛko no mu baeɛ. Ɔreba no, ɔfaa ɛkwan a ɛforo kɔ Heres no so. 14 Berɛ a ɔnam kwan so reba no, ɔkyee aberanteɛ bi a ɔfiri Sukot, na ɔbisabisaa no nsɛm. Na aberanteɛ no twerɛɛ Sukot aberempɔn ne wɔn mpanimfoɔ din maa no. Ná wɔyɛ mmarima 77. 15 Ɛnna Gideon kɔɔ Sukot mmarima no nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sebah ne Salmuna nie. Wɔn nti na motwaa me adapaa sɛ, ‘Sebah ne Salmuna a woreka yi, sɛ́ wo nsa nnya nkaa wɔn? Adɛn nti na wose yɛmma wo mmarima a wɔabrɛ no paanoo?’”+ 16 Ɛnna ɔkyee kuro no mu mpanimfoɔ, na ɔde serɛ so nkasɛɛ ne hwerɛmo hwee Sukot mmarima no maa wɔn ho baee wɔn.*+ 17 Na ɔdwirii Penuel+ abantenten no gui, na ɔkunkum kurom hɔ mmarima.
18 Afei ɔbisaa Sebah ne Salmuna sɛ: “Mmarima bɛn saa na mokunkum wɔn wɔ Tabor no?” Wɔbuaa sɛ: “Wɔte sɛ wo ara; wɔn mu biara te sɛ ɔhene ba.” 19 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Wɔyɛ me nuanom, me maame mma mmarima. Sɛ́ Yehowa te ase yi, sɛ moankum wɔn a, anka me nso merenku mo.” 20 Na ɔka kyerɛɛ ne ba panin Yeter sɛ: “Sɔre, kum wɔn.” Nanso aberanteɛ no antwe ne sekan. Ná ɔsuro, ɛfiri sɛ na ɔda so ara yɛ abarimaa. 21 Ɛnna Sebah ne Salmuna kaa sɛ: “Sɛ obi yɛ ɔbarima a, n’ahoɔden na ɛkyerɛ.* Wo ara sɔre ku yɛn.” Enti Gideon sɔree, na ɔkunkum Sebah ne Salmuna,+ na ɔyiyii agudeɛ a ɛte sɛ bosome a ɛdeda wɔn yoma kɔn mu no.
22 Akyire yi, Israelfoɔ ka kyerɛɛ Gideon sɛ: “Di yɛn so, wo ne wo mma ne wo mmanana nyinaa, ɛfiri sɛ wo na wogyee yɛn firii Midianfoɔ nsam.”+ 23 Nanso Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merenni mo so, na me ba nso renni mo so. Yehowa na ɔbɛdi mo so.”+ 24 Gideon toaa so kaa sɛ: “Mepɛ sɛ moyɛ biribi ma me: Obiara mfa hwenem kawa a ɔnyaa wɔ ɛko mu no baako mma me.” (Ɛsiane sɛ na wɔn atamfo no yɛ Ismaelfoɔ+ nti, na wɔwɔ sika kɔkɔɔ hwenem nkawa.) 25 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛde bɛma wo dodo.” Enti wɔde ntoma sɛɛ fam, na obiara de hwenem kawa a ɔnyaa wɔ ɛko mu no baako too so. 26 Sika kɔkɔɔ hwenem nkawa a ɔgyeeɛ no nko ara mu duro yɛ sika kɔkɔɔ nnwetɛbena* 1,700; agudeɛ a ɛte sɛ bosome ne asomuadeɛ ne ntaadeɛ afasebire a na ɛhyehyɛ Midian ahemfo no, ne kɔnmuadeɛ a ɛdeda yoma kɔn mu no+ nka ho.
27 Gideon de yɛɛ efɔd,*+ na ɔde kɔkyerɛɛ wɔ ne kurom Ofra.+ Nanso Israelfoɔ nyinaa de yɛɛ onyame somee,*+ na ɛyɛɛ fidie maa Gideon ne ne fiefoɔ.+
28 Na Israelfoɔ dii Midianfoɔ+ so nkonim, na wɔantumi ne Israelfoɔ anko* bio. Na asomdwoeɛ baa asaase no so* mfeɛ 40 wɔ Gideon berɛ so.+
29 Enti Yoas ba Yerubaal+ san kɔɔ ne fie kɔtenaa hɔ.
30 Gideon woo mma mmarima 70,* ɛfiri sɛ na ne yerenom dɔɔso. 31 Ne mpena* bi a ɔwɔ Sekem nso woo ɔbabarima maa no, na ɔtoo ne din Abimelek.+ 32 Yoas ba Gideon nyini kyɛe paa ansa na ɔrewu, na ɛda a wɔsiee ne papa Yoas wom wɔ Abiesarfoɔ+ kuro Ofra mu no, ɛhɔ ara na wɔsiee ɔno nso.
33 Berɛ a Gideon wuiɛ ara pɛ, Israelfoɔ no san ne Baal ahoni+ kɔbɔɔ adwaman bio, na wɔde Baal-Berit+ yɛɛ wɔn nyame. 34 Na Israelfoɔ ankae Yehowa wɔn Nyankopɔn+ a ɔgyee wɔn firii wɔn atamfo a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam no.+ 35 Na nneɛma pa a Yerubaal a ɔno ara ne Gideon yɛɛ wɔ Israel nyinaa akyi no, Israelfoɔ anna ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi ankyerɛ ne fiefoɔ.+