11 Baabi a Yehowa mo Nyankopɔn bɛyi de ne din ato no,+ ɛhɔ na momfa deɛ maka ho asɛm yi nyinaa nkɔ: Mo hyeɛ afɔreɛ, mmoa a mobɛkum wɔn abɔ afɔreɛ foforɔ, mo ntotosoɔ du du,*+ mo ntoboa, ne biribiara a moahyɛ bɔ sɛ mode bɛma Yehowa.
12 “Afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛ afe a wode wo nnɔbaeɛ nyinaa mu ntotosoɔ du du+ bɛba. Sɛ wode ba a, fa ma Lewini, ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu, agyanka, ne okunafoɔ, na wɔnni mmee wɔ wo kuro* mu.+