Deuteronomium
12 “Yeinom ne m’ahyɛdeɛ+ ne m’atemmusɛm+ a ɛsɛ sɛ modi soɔ+ asase a Yehowa mo agyanom Nyankopɔn bɛma moafa no so. Mo nkwa nna a mode bɛtena asase no soɔ nyinaa+ monhwɛ sɛ mobɛdi soɔ. 2 Baabi a amanaman a morekɔpamo wɔn no som wɔn anyame nyinaa, monhwɛ sɛ mobɛsɛe hɔ pasaa,+ mmepɔ atenten so, nkokoɔ so, ne dua kusuu biara ase.+ 3 Mommubu wɔn afɔrebukyia+ ne wɔn abosom adum,+ na momfa gya nhye wɔn abosonnua,+ na montwitwa wɔn anyame ahoni ngu.+ Mompepa wɔn din mfiri hɔ koraa.+
4 “Monnsom Yehowa mo Nyankopɔn saa kwan no so,+ 5 na mmom baabi a Yehowa mo Nyankopɔn de ne din bɛdua mmusua yi nyinaa mu no, ɛhɔ na momfa mo ani nkyerɛ, na ɛhɔ na monkorɔ.+ 6 Ɛhɔ nso na momfa mo hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa a mobɛku wɔn abɔ afɔdeɛ foforɔ ne mo nneɛma nkyɛmu du mu baako,+ ne mo ntoboa+ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ,+ ne afɔdeɛ a mofiri mo pɛ mu bɔ,+ ne mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan+ nyinaa nkorɔ. 7 Na ɛhɔ na monnidi Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ na biribiara a mo ne mo fiefoɔ bɛyɛ biara, momma mo ani nnye,+ ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo.
8 “Monhwɛ na moanyɛ deɛ yɛreyɛ no ha nnɛ yi bi. Ɛha deɛ, obiara yɛ deɛ ɛtene n’ani soɔ,+ 9 ɛfiri sɛ monnya nnuruu tenabea+ ne asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no so. 10 Montwa Yordan+ nkɔtena asase a Yehowa mo Nyankopɔn de ama mo no so,+ na ɔbɛma moahome afiri mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nyinaa ho na moatena ase dwoodwoo.+ 11 Na baabi+ a Yehowa mo Nyankopɔn ayi sɛ ne din ntena no, ɛhɔ na momfa deɛ maka ho asɛm yi nyinaa nkorɔ: Mo hyeɛ afɔdeɛ+ ne mmoa a mobɛku wɔn abɔ afɔdeɛ foforɔ ne mo nneɛma nkyɛmu du mu baako,+ mo ntoboa,+ ne biribiara a moahyɛ bɔ+ sɛ mode bɛma Yehowa. 12 Afei momma mo ani nnye Yehowa mo Nyankopɔn anim,+ mo ne mo mma mmarima ne mo mma mmaa ne mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ mo kurom no, ɛfiri sɛ wannya mo agyapadeɛ no bi.+ 13 Hwɛ yie na woammɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ baabiara kɛkɛ a wobɛhunu.+ 14 Baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛyi no mmusua yi baako mu no, ɛhɔ mmom na bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ɛhɔ na yɛ deɛ maka akyerɛ woɔ yi nyinaa.+
15 “Nanso berɛ biara a wo kra kɔn dɔ nam no, kum+ na we sɛdeɛ Yehowa wo Nyankopɔn ahyira woɔ no, wo nkuro no nyinaa mu. Obi a ne ho nteɛ+ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa bɛtumi awe bi, te sɛ wansane ne ɔforoteɛ.+ 16 Nanso monhwɛ na moanni mogya.+ Monhwie ngu fam sɛ nsuo.+ 17 Yeinom ne deɛ wontumi nni bie wɔ wo kurom: W’ayuo anaa wo nsã foforɔ anaa wo ngo mu nkyɛmu du mu baako,+ anaa w’anantwie ne wo nnwan mu mmakan,+ anaa wo bɔhyɛ afɔdeɛ, anaa afɔdeɛ a wofiri wo pɛ mu bɔ,+ anaa wo ntoboa.+ 18 Di no Yehowa wo Nyankopɔn anim. Baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ no,+ ɛhɔ na wo ne wo mma mmarima ne wo mma mmaa ne wo nkoa ne wo mfenaa ne Lewini a ɔwɔ wo kurom no nni no. Biribiara a wobɛyɛ biara, ma w’ani nnye+ Yehowa wo Nyankopɔn anim. 19 Hwɛ na woammu w’ani angu Lewini+ so, nna a wote w’asase soɔ nyinaa.
20 “Sɛ Yehowa wo Nyankopɔn trɛ w’ahyeɛ+ mu sɛdeɛ ɔhyɛɛ wo bɔ no+ a, ebia wo kra kɔn bɛdɔ nam na woaka sɛ, ‘Ma menwe nam.’ Ɛnneɛ, hunu sɛ berɛ biara a wo kra kɔn dɔ nam no, wobɛtumi awe.+ 21 Na sɛ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn de ne din bɛdua+ no ware ma wo a, ɛnneɛ berɛ biara a wo kra kɔn dɔ nam no, wobɛtumi akum anantwie anaa nnwan a Yehowa de ama woɔ no bi awe no wo kurom, sɛdeɛ meka kyerɛɛ woɔ no.+ 22 Sɛdeɛ wowe wansane ne ɔforoteɛ no,+ saa ara na we no: Obi a ne ho nteɛ+ ne deɛ ne ho teɛ nyinaa bɛtumi awe bi. 23 Nanso si w’adwene pi sɛ worenni mogya,+ ɛfiri sɛ mogya ne ɔkra no,+ na nni ɔkra nka nam no ho. 24 Nni; hwie gu fam sɛ nsuo.+ 25 Nni, na woayɛ deɛ ɛsɔ Yehowa ani+ na asi wo ne wo nkyirimma yie.+ 26 Na w’akronkronneɛ+ ne wo bɔhyɛ afɔdeɛ deɛ,+ ma so kɔ baabi a Yehowa bɛkyerɛ no.+ 27 Afei fa nam ne mogya+ no bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ wɔ Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia so, na hwie mmoa no mogya gu Yehowa wo Nyankopɔn afɔrebukyia+ no ho, na we nam no.
28 “Hwɛ di ahyɛdeɛ a mede rema woɔ yi nyinaa so,+ na sɛ woyɛ deɛ ɛtene na ɛsɔ Yehowa wo Nyankopɔn ani a,+ ɛbɛsi wo ne wo nkyirimma yie+ daa.
29 “Na sɛ Yehowa wo Nyankopɔn tu aman a worekɔ soɔ no firi w’anim a,+ fa wɔn nsase na tena so.+ 30 Hwɛ wo ho yie na sɛ wɔsɛe wɔn a biribiara ansum wo fidie amma woankɔdi wɔn akyi.+ Hwɛ na woankɔbisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn na aman yi faa so som wɔn anyame? Ma me nso menyɛ saa.’ 31 Nyɛ biribi a ɛte saa Yehowa wo Nyankopɔn anim,+ ɛfiri sɛ deɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyire na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mpo bɔ afɔdeɛ wɔ gya mu daa ma wɔn anyame.+ 32 Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na monnyi bi nso mmfiri mu.+