26 Woduru hɔ a, fa sika no tɔ biribiara a wo kra kɔn dɔ:+ nantwie, odwan, abirekyie, bobesa anaa mmosã+ foforɔ biara. Biribiara a wo kra bɛbisa no, fa bra bɛdi no Yehowa wo Nyankopɔn anim, na wo ne wo fiefoɔ nyinaa ani nnye.+
66 Na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan,+ na wɔhyiraa ɔhene de anigyeɛ+ ne akomatɔyam+ kokɔɔ wɔn afie, adepa+ a Yehowa ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa nti.
10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔdi sradeduane na monnom adɔkɔdɔkɔdeɛ, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wɔnsiesiee hwee mmaa wɔn, ɛfiri sɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma yɛn Awurade, enti mommma mo werɛ nnho, na Yehowa mu anigyeɛ ne mo abandenden.”