Nehemia
8 Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano sɛ nipa baako+ wɔ abɔnten+ baabi a ɛwɔ Nsuo Pono+ no anim. Ɛnna wɔka kyerɛɛ ɔtwerɛfoɔ* Esra+ sɛ ɔmfa nwoma+ a Mose mmara+ a Yehowa de maa Israel wom no mmra.+ 2 Ɛnna ɔsɔfoɔ+ Esra de mmara no baa badwa+ no anim, baabi a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔtumi tie+ asɛm te aseɛ ahyia no, bosome a ɛtɔ so nson+ no da a ɛdi kan. 3 Na ɔkenkan+ no den wɔ abɔnten baabi a ɛwɔ Nsuo Pono no anim, firi ahemadakye kɔsii owigyinaeɛ,+ wɔ mmarima ne mmaa ne nnipa foforɔ a wɔtumi te nneɛma ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ asõ+ tiee+ mmara nwoma no mu nsɛm. 4 Na ɔtwerɛfoɔ Esra gyinaa dua apa+ a wɔayɛ ama nhyiamu no so; wɔn a na wɔgyinagyina ne nifa soɔ ne Matitia ne Sema ne Anaia ne Uria ne Hilkia ne Maaseia, na wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum soɔ ne Pedaia ne Misael ne Malkiya+ ne Hasum+ ne Has-Badana ne Sakaria ne Mesulam.
5 Na berɛ a Esra buee+ nwoma no mu no, ɔman no nyinaa hunuiɛ, ɛfiri sɛ na ɔwɔ soro sene wɔn nyinaa; na ɔbuee mu no, nnipa no nyinaa sɔresɔreeɛ.+ 6 Ɛnna Esra hyiraa Yehowa,+ nokorɛ Nyankopɔn, Deɛ ɔyɛ kɛseɛ no. Na ɔman no nyinaa memaa wɔn nsa+ so gyee so sɛ, “Amen! Amen!”+ Afei wɔkoto+ de wɔn anim butubutuu fam+ sɔree Yehowa. 7 Na Yesua ne Bani ne Serebia,+ Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad,+ Hanan, Pelaia,+ Lewifoɔ no, kyerɛkyerɛɛ mmara no mu kyerɛɛ ɔman no,+ berɛ a na nnipa no gyinagyina hɔ.+ 8 Na wɔtoaa so kenkan+ nokorɛ Nyankopɔn mmara nwoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu maa emu daa hɔ yie, na wɔboa maa wɔnyaa akenkan no mu nteaseɛ.+
9 Na Nehemia+ a ɔyɛ amrado*+ no, ne ɔsɔfoɔ Esra,+ ɔtwerɛfoɔ no, ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ ɔman no ka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: “Ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.+ Monnni awerɛhoɔ, na monnsu.”+ Saa berɛ no, na ɔman no nyinaa resu berɛ a wɔretie mmara no mu nsɛm no.+ 10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔdi sradeduane na monnom adɔkɔdɔkɔdeɛ, na momfa bi+ nkɔma wɔn a wɔnsiesiee hwee mmaa wɔn, ɛfiri sɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma yɛn Awurade, enti mommma mo werɛ nnho, na Yehowa mu anigyeɛ ne mo abandenden.” 11 Na Lewifoɔ no ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no nyinaa sɛ: “Monyɛ komm! Ɛfiri sɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron, enti mommma mo werɛ nnho.” 12 Enti nkurɔfoɔ no nyinaa kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔkyekyɛɛ bi+ maa afoforɔ, na wɔdii ahurisie+ kɛse ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.+
13 Na da a ɛtɔ so mmienu no, ɔman no nyinaa mu agyanom atitire ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no boaboaa wɔn ho ano baa ɔtwerɛfoɔ Esra nkyɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya mmara nsɛm no mu nteaseɛ.+ 14 Ɛnna wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ no mmara no mu sɛ Yehowa nam Mose+ so hyɛeɛ sɛ, sɛ Israel mma redi bosome a ɛtɔ so nson+ no mu afahyɛ no a, wɔntenatena asese mu,+ 15 ma enti ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuro+ na wɔpae mu ka no wɔn nkuro nyinaa mu ne Yerusalem+ sɛ: “Monkɔ mmepɔ+ no so nkɔpɛ ngodua+ mman ne nku dua mman ne ohwamdua mman ne berɛ ne nnua kusuu so mman mfa mmɛbɔ asese sɛdeɛ wɔatwerɛ no.”
16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔpɛɛ bi baeɛ, na wɔde bobɔɔ asese, obiara deɛ wɔ ne dan atifi+ ne wɔn adihɔ+ ne nokorɛ Nyankopɔn fie adihɔ ne mmɔnten+ so baabi a ɛbembɛn Nsuo Pono+ no ne Efraim Pono no.+ 17 Enti wɔn a wɔfiri nkoasom mu baeɛ no badwa no nyinaa bobɔɔ asese, na wɔtenatenaa asese no mu; ɛfiri Nun ba Yosua+ nna no mu bɛsi saa da no, na Israel mma nyɛɛ saa da, enti wɔdii ahurisie kɛse.+ 18 Na ɛfiri da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtwa toɔ no, wɔkenkanee nokorɛ Nyankopɔn mmara nwoma no den da biara;+ wɔdii afahyɛ no nnanson, na da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu titire bi sɛdeɛ mmara no kyerɛ.+