13 Na Yuda hene Amasia, Yehoas ba, Ahasia ba no deɛ, Israel hene Yehoas kyee no wɔ Bet-Semes, na ɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛbuu Yerusalem fasuo no guu mu, ɛfiri Efraim Pono+ ano kɔsi Ntwea Pono+ no ano, basafa ahanan.
39 de kɔfaa Efraim Pono+ no atifi ne Kuro Dada Pono+ ne Mpataa Pono+ ne Hananel Abantenten+ ne Mea Abantenten+ no so kɔɔ Nnwanten Pono+ no ho, na wɔkɔgyinagyinaa Ɔwɛmfoɔ Pono no ano.