Nehemia
12 Yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yesua+ kɔeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra, 2 Amaria,+ Maluk, Hatus, 3 Sekania, Rehum, Meremot, 4 Ido, Ginetoi, Abia, 5 Miyamin, Maadia, Bilga, 6 Semaia+ ne Yoiarib, Yedaia,+ 7 Salu, Amok,+ Hilkia, Yedaia.+ Yeinom ne asɔfoɔ no mu atitire ne wɔn nuanom, Yesua+ berɛ so.
8 Lewifoɔ no ne Yesua,+ Binui,+ Kadmiel,+ Serebia, Yuda ne Matania+ a ɔdi aseda nnwom anim, ɔne ne nuanom. 9 Ná wɔn nuanom Bakbukia ne Uni ne wɔn di nhwɛanimu, awɛmfoɔ adwuma mu. 10 Yesua na ɔwoo Yoiakim,+ na Yoiakim woo Eliasib,+ na Eliasib nso woo Yoiada.+ 11 Yoiada na ɔwoo Yonatan, na Yonatan nso woo Yadua.+
12 Yoiakim berɛ soɔ no, na asɔfoɔ a wɔyɛ agyanom mmusua mu atitire+ wɔ hɔ: Seraia+ abusua mu, Meraia; Yeremia abusua mu, Hanania; 13 Esra+ abusua mu, Mesulam; Amaria abusua mu, Yehohanan; 14 Maluki abusua mu, Yonatan; Sebania+ abusua mu, Yosef; 15 Harim+ abusua mu, Adna; Meraiot abusua mu, Helkai; 16 Ido abusua mu, Sakaria; Gineton abusua mu, Mesulam; 17 Abia+ abusua mu, Sikri; Miniamin abusua mu, ——; Moadia abusua mu, Piltai; 18 Bilga+ abusua mu, Sammua; Semaia abusua mu, Yehonatan; 19 Yoiarib abusua mu, Matenai; Yedaia+ abusua mu, Usi; 20 Salai abusua mu, Kalai; Amok abusua mu, Eber; 21 Hilkia abusua mu, Hasabia; Yedaia+ abusua mu, Netanel.
22 Lewifoɔ a na wɔwɔ Eliasib+ ne Yoiada+ ne Yohanan ne Yadua+ berɛ so, ne asɔfoɔ no, wɔtwerɛɛ wɔn din sɛ agyanom mmusua mu atitire, de bɛsii Persiani Dario ahennie so.
23 Wɔtwerɛɛ Lewi mma a na wɔyɛ agyanom mmusua mu atitire+ no din wɔ abakɔsɛm nwoma mu de bɛsii Eliasib ba Yohanan so. 24 Lewifoɔ mu atitire no ne Hasabia ne Serebia+ ne Kadmiel+ ba Yesua, ne wɔn nuanom a wɔne wɔn di nhwɛanimu to ayeyie ne aseda dwom sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Dawid ahyɛdeɛ+ teɛ no; awɛmfoɔ kuo baako gyina fã ha a, na awɛmfoɔ kuo baako nso gyina fã ha. 25 Ná Matania+ ne Bakbukia, Obadia, Mesulam, Talmon, ne Akub+ yɛ apono ano ahwɛfoɔ,+ wɔn na wɔwɛn pono ano adekora adan no. 26 Yeinom na na wɔwɔ hɔ Yosadak+ ba Yesua+ ba Yoiakim+ berɛ so, ne amrado Nehemia+ ne ɔsɔfoɔ Esra,+ ɔtwerɛfoɔ*+ no, berɛ so.
27 Na berɛ a wɔrehyira+ Yerusalem fasuo no soɔ no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no wɔ wɔn tenabea nyinaa sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem ama wɔde aseda+ ne nnwontoɔ,+ ne nnawuta+ ne asankuo+ ahodoɔ abɛdi ahurisie ahyira so. 28 Ɛnna nnwontofoɔ mma no boaboaa wɔn ho ano wɔ Mantam+ no mu firii Yerusalem ho nkuro nyinaa mu ne Netofafoɔ+ nkuraa ase, 29 ne Bet-Gilgal+ ne Geba+ ne Asmawet+ mfuo mu, ɛfiri sɛ na nnwontofoɔ no akyekyere nkuraa+ atwa Yerusalem ho ahyia. 30 Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa+ wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman+ no ne kuro apono+ ne fasuo+ no ho.
31 Afei mede Yuda mmapɔmma+ no baa fasuo no so. Na mehyehyɛɛ aseda nnwontofoɔ+ akuo mmienu a wɔato santen; ekuo baako de wɔn ani kyerɛɛ nifa so wɔ fasuo no so kɔɔ Sumina Pono+ no ano. 32 Na Hosaia ne Yuda mmapɔmma no fã dii wɔn akyi. 33 Wɔn a na wɔka wɔn ho nie: Asaria, Esra ne Mesulam, 34 Yuda ne Benyamin ne Semaia ne Yeremia; 35 asɔfoɔ no mma mu nso, wɔn a na wɔka wɔn ho a wɔkurakura ntotorobɛnto+ ne Sakaria, Yonatan ba, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur+ ba, Asaf+ ba, 36 ne ne nuanom Semaia ne Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel ne Yuda, Hanani, a na wɔkurakura nokorɛ Nyankopɔn nipa Dawid nnwom asankuo+ no; ná ɔtwerɛfoɔ Esra+ di wɔn anim. 37 Wɔfiri Nsuo Aniwa Pono+ no ho kɔɔ wɔn anim tẽẽ foroo fasuo no de twaa Dawid Kuro+ Atwedeɛ+ no faa Dawid Fie atifi kɔsii Nsuo Pono+ no apueeɛ.
38 Aseda nnwontofoɔ+ kuo baako no nso dii animu, na medii wɔn akyi, ne ɔman no fã, faa fasuo no so kɔfaa Fononoo Abantenten+ no atifi kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛɛ+ no so, 39 de kɔfaa Efraim Pono+ no atifi ne Kuro Dada Pono+ ne Mpataa Pono+ ne Hananel Abantenten+ ne Mea Abantenten+ no so kɔɔ Nnwanten Pono+ no ho, na wɔkɔgyinagyinaa Ɔwɛmfoɔ Pono no ano.
40 Ɛnna aseda nnwontofoɔ+ akuo mmienu no bɛgyinagyinaa nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ;+ me nso mebaa hɔ, me ne asoafoɔ+ no fã, 41 ne asɔfoɔ Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, Hanania a wɔkurakura ntotorobɛnto no,+ 42 ne Maaseia ne Semaia ne Eleasar ne Usi ne Yehohanan ne Malkiya ne Elam ne Eser. Nnwontofoɔ a Yesrahia da wɔn ano no maa wɔtee wɔn nka.+
43 Na wɔbobɔɔ afɔdeɛ akɛseɛ+ saa da no na wɔdii ahurisie+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no maa wɔn ani gyee kɛse.+ Mmaa+ ne mmɔfra+ no nso dii ahurisie maa wɔtee Yerusalem ahurisidie no akyirikyiri.+
44 Na ɛda no ara wɔde mmarima sisii adekoradan+ ne afɔrebɔdeɛ+ ne nnɔbaeɛ a ɛdi kan+ ne ntotosoɔ du du+ so, sɛ wɔnnyegye asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa+ a mmara no kyerɛ+ no mfiri nkuro no mfuo mu nkɔgu hɔ; asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ a na wɔresom no nti, Yuda dii ahurisie. 45 Wɔhwɛ yɛɛ wɔn asɛdeɛ+ wɔn Nyankopɔn anim na wɔyɛɛ ahodwira+ ho asɛdeɛ no nso; nnwontofoɔ+ ne apono ano ahwɛfoɔ+ no nso yɛɛ sɛdeɛ Dawid ne ne ba Solomon hyɛeɛ no. 46 Dawid ne Asaf mmerɛ a abɛsene korɔ no mu no, na wɔwɔ nnipa a wɔdeda nnwontofoɔ ano+ ma wɔto ayeyie ne aseda dwom ma Onyankopɔn.+ 47 Serubabel+ nna no mu ne Nehemia+ nna no mu no, Israel nyinaa de nnwontofoɔ+ ne apono ano ahwɛfoɔ+ kyɛfa maa wɔn sɛdeɛ wɔbɛhia no da biara, na wɔhyiraa so maa Lewifoɔ no,+ na Lewifoɔ no nso hyiraa so maa Aaron mma no.