Nehemia
12 Weinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔne Sealtiel ba+ Serubabel+ ne Yesua+ kɔeɛ no: Seraia, Yeremia, Esra, 2 Amaria, Maluk, Hatus, 3 Sekania, Rehum, Meremot, 4 Ido, Ginetoi, Abia, 5 Miyamin, Maadia, Bilga, 6 Semaia, Yoiarib, Yedaia, 7 Salu, Amok, Hilkia, ne Yedaia. Weinom ne asɔfoɔ no mu atitire* ne wɔn nuanom, Yesua berɛ so.
8 Lewifoɔ no ne Yesua, Binui, Kadmiel,+ Serebia, Yuda ne Matania+ ne ne nuanom a wɔdii aseda nnwom anim no. 9 Ná wɔn nuanom Bakbukia ne Uni ne wɔn di nhwɛanimu wɔ awɛmfoɔ adwuma mu. 10 Yesua na ɔwoo Yoiakim, na Yoiakim woo Eliasib,+ na Eliasib nso woo Yoiada.+ 11 Yoiada woo Yonatan, na Yonatan nso woo Yadua.
12 Yoiakim berɛ so no, asɔfoɔ a na wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ nie: Seraia+ abusua mu, Meraia; Yeremia abusua mu, Hanania; 13 Esra+ abusua mu, Mesulam; Amaria abusua mu, Yehohanan; 14 Maluki abusua mu, Yonatan; Sebania abusua mu, Yosef; 15 Harim+ abusua mu, Adna; Meraiot abusua mu, Helkai; 16 Ido abusua mu, Sakaria; Gineton abusua mu, Mesulam; 17 Abia+ abusua mu, Sikri; Miniamin abusua mu, . . . ;* Moadia abusua mu, Piltai; 18 Bilga+ abusua mu, Sammua; Semaia abusua mu, Yehonatan; 19 Yoiarib abusua mu, Matenai; Yedaia+ abusua mu, Usi; 20 Salai abusua mu, Kalai; Amok abusua mu, Eber; 21 Hilkia abusua mu, Hasabia; Yedaia abusua mu, Netanel.
22 Eliasib, Yoiada, Yohanan, ne Yadua+ berɛ so no, wɔtwerɛɛ Lewifoɔ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ ne asɔfoɔ no din de bɛsii Persiani Dario ahennie so.
23 Wɔtwerɛɛ Lewifoɔ a na wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no din wɔ abakɔsɛm nwoma mu de bɛsii Eliasib ba Yohanan so. 24 Lewifoɔ mu atitire no ne Hasabia, Serebia ne Kadmiel ba+ Yesua,+ na wɔne wɔn nuanom dii nhwɛanimu too ayeyie ne aseda dwom sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Dawid akwankyerɛ teɛ no;+ awɛmfoɔ kuo baako gyina ɛfã ha, ɛnna awɛmfoɔ kuo baako nso gyina ɛfã nohoa. 25 Ná Matania+ ne Bakbukia, Obadia, Mesulam, Talmon, ne Akub+ yɛ apono ano ahwɛfoɔ;+ wɔn na na wɔwɛn adekora adan a ɛbɛn asɔrefie pono no. 26 Yosadak ba Yesua+ ba Yoiakim berɛ so ne Amrado Nehemia ne ɔsɔfoɔ Esra+ a ɔsan yɛ ɔtwerɛfoɔ* no berɛ so no, weinom na na wɔwɔ hɔ.
27 Berɛ a wɔrehyira Yerusalem afasuo no so no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no wɔ wɔn tenabea nyinaa de wɔn baa Yerusalem maa wɔde aseda ne nnwontoɔ,+ ne nnawuro* ne asankuo ahodoɔ bɛdii ahurisie hyiraa so. 28 Ɛnna nnwontofoɔ mma* no boaboaa wɔn ho ano wɔ ɔmantam* no mu firii Yerusalem ho nkuro nyinaa mu ne Netofa nkuraaseɛ,+ 29 ne Bet-Gilgal+ ne Geba ne Asmawet nsaase so,+ ɛfiri sɛ na nnwontofoɔ no akyekyere nkuraa atwa Yerusalem ho ahyia. 30 Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, na wɔdwiraa ɔman no+ ne kuro apono+ ne ɔfasuo no nso ho.+
31 Afei mede Yuda mpanimfoɔ no baa ɔfasuo no so. Ɛnna mehyehyɛɛ nnwontofoɔ akuo akɛseɛ mmienu a wɔto aseda nnwom ne nnipadɔm a wɔdi wɔn akyi; kuo baako de wɔn ani kyerɛɛ nifa so wɔ ɔfasuo no so kɔɔ Sumina Pono no ano.+ 32 Hosaia ne Yuda mpanimfoɔ no fã dii wɔn akyi. 33 Wɔn a na wɔka wɔn ho nie: Asaria, Esra, Mesulam, 34 Yuda, Benyamin, Semaia, ne Yeremia. 35 Asɔfoɔ no mma mu nso, wɔn a na wɔkurakura ntotorobɛnto ka wɔn ho+ ne Sakaria a ɔyɛ Yonatan ba, Semaia ba, Matania ba, Mikaia ba, Sakur ba, Asaf ba;+ 36 ɔne ne nuanom Semaia, Asarel, Milalai, Gilalai, Maai, Netanel, Yuda, ne Hanani; wɔn na na wɔkurakura nokorɛ Nyankopɔn nipa Dawid nnwontoɔ nneɛma no;+ ná ɔtwerɛfoɔ Esra+ di wɔn anim. 37 Wɔfiri Nsuo Aniwa Pono no ho+ kɔɔ tẽẽ kɔfaa ɔfasuo no fã a ɛwɔ soro wɔ Dawid Fie atifi hɔ no, na wɔtraa Dawid Kuro+ Stɛps no+ kɔsii Nsuo Pono no+ apueeɛ.
38 Nnwontofoɔ kuo a wɔto aseda nnwom no, baako a aka no nso de wɔn ani kyerɛɛ ɛfã nohoa,* na me ne ɔman no fã dii wɔn akyi faa ɔfasuo no so kɔfaa Fononoo Abantenten no atifi+ kɔsii Ɔfasuo Tɛtrɛɛ no so,+ 39 na wɔkɔfaa Efraim Pono+ no atifi ne Kuro Dada Pono,+ Mpataa Pono,+ Hananel Abantenten,+ ne Mea Abantenten no so kɔɔ Nnwan Pono+ no so, na wɔkɔgyinagyinaa Ɔwɛmfoɔ Pono no ano.
40 Afei nnwontofoɔ akuo mmienu a wɔto aseda dwom no bɛgyinagyinaa nokorɛ Nyankopɔn no fie no anim, na me nso mebaa hɔ; me ne asoafoɔ no fã, 41 ne asɔfoɔ Eliakim, Maaseia, Miniamin, Mikaia, Elioenai, Sakaria, ne Hanania a wɔkurakura ntotorobɛnto no; 42 ɛne Maaseia, Semaia, Eleasar, Usi, Yehohanan, Malkiya, Elam ne Eser. Nnwontofoɔ a Yesrahia da wɔn ano no too nnwom dendeenden.
43 Saa da no, wɔbɔɔ afɔreɛ bebree na wɔdii ahurisie+ ɛfiri sɛ nokorɛ Nyankopɔn no maa wɔn ani gyee kɛse. Mmaa ne mmɔfra no nso dii ahurisie+ maa wɔtee Yerusalem ahurisidie no wɔ akyirikyiri.+
44 Ɛda no wɔde mmarima sisii adekora adan+ no so sɛ wɔmfa afɔrebɔdeɛ+ ne nnɔbaeɛ a ɛdi kan+ ne ntotosoɔ du du*+ nkɔgu hɔ. Asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ no kyɛfa a Mmara kyerɛ no,+ na wɔbɛgyegye afiri nkuro no mfuo mu akɔgu hɔ. Asɔfoɔ ne Lewifoɔ a na wɔresom no nti, Yudafoɔ no dii ahurisie. 45 Wɔhwɛ yɛɛ adwuma a wɔn Nyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no na wɔyɛɛ ahodwira ho asɛdeɛ no nso; nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ no nso yɛɛ sɛdeɛ Dawid ne ne ba Solomon kaeɛ no. 46 Dawid ne Asaf mmerɛ so tɔnn no, na wɔwɔ nnipa a wɔdeda nnwontofoɔ ano ma wɔto ayeyie ne aseda nnwom ma Onyankopɔn.+ 47 Serubabel+ berɛ so ne Nehemia berɛ so no, Israel nyinaa de nnwontofoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ kyɛfa maa wɔn sɛdeɛ wɔbɛhia no da biara.+ Wɔboaboaa Lewifoɔ no nso kyɛfa ano maa wɔn,+ ɛnna Lewifoɔ no nso boaboaa Aaron mma no kyɛfa ano maa wɔn.