-
1 Berɛsosɛm 9:22-27Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 Wɔn a wɔyii wɔn sɛ apono ano ahwɛfoɔ a wɔhwɛ abobow ano no nyinaa yɛ 212. Wɔtenatenaa wɔn nkuro mu sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Weinom na Dawid ne ɔdehwɛfoɔ Samuel+ buu wɔn anokwafoɔ na wɔde wɔn totoo adwuma ano. 23 Apono ano ahwɛfoɔ adwuma a wɔyɛ wɔ Yehowa fie,+ ntomadan fie no, wɔne wɔn mma na na wɔhwɛ so. 24 Apono ano ahwɛfoɔ no gyinagyinaa afanan; apueeɛ, atɔeɛ, atifi, ne anaafoɔ.+ 25 Ná nhyehyɛeɛ bi wɔ hɔ sɛ ɛwom ara a, wɔn nuanom a wɔwɔ wɔn atenaeɛ no ne wɔn bɛba abɛsom nnanson. 26 Wɔde apono ano ahwɛfoɔ anokwafoɔ nnan totoo adwuma no ano. Wɔyɛ Lewifoɔ; wɔn na wɔhwɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie adidibea ne adekoradan no so.+ 27 Anadwo biara, na wɔbɛgyinagyina nokorɛ Nyankopɔn fie no ho hyia, ɛfiri sɛ na wɔyɛ awɛmfoɔ, na na safoa no hyɛ wɔn nsa; wɔn na na wɔbuebue apono anɔpa biara.
-