Nehemia
11 Ɔman no mu mpanimfoɔ no tenatenaa Yerusalem;+ na ɔman no mufoɔ a aka no, wɔbɔɔ ntonto+ de yii edu biara mu baako sɛ ɔntena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na nkron a aka no deɛ, wɔtenatenaa nkuro a aka no mu. 2 Afei nso, mmarima bi firii wɔn pɛ mu tenaa Yerusalem, na ɔman no hyiraa wɔn nyinaa.
3 Weinom ne ɔmantam no mu atitire a wɔtenaa Yerusalem. (Israelfoɔ a aka no, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ*+ ne Solomon nkoa+ no mma no deɛ, wɔtenatenaa Yuda nkuro a aka mu; obiara tenaa ɔno ara n’asaase so wɔ ne kurom.+
4 Na Yuda ne Benyamin asefoɔ bi nso tenaa Yerusalem.) Yudafoɔ mu no, Ataia, Usia ba, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel a ɔfiri Peres mma mu no ba;+ 5 Maaseia, Baruk ba, Kolhosen ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria a ɔfiri Sela abusua mu ba. 6 Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ mmarima akantinka 468.
7 Weinom ne Benyamin asefoɔ no: Salu,+ Mesulam ba, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesia ba; 8 n’akyi no, Gabai ne Salai; wɔn nyinaa dodoɔ si 928, 9 na Sikri ba Yoel na na ɔyɛ wɔn so hwɛfoɔ, na Hasenua ba Yuda na na ɔyɛ kuro so hwɛfoɔ abadiakyire.
10 Wɔn mu asɔfoɔ no nie: Yedaia a ɔyɛ Yoiarib ba, ne Yakin,+ 11 ne Seraia, Hilkia ba, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitab ba;+ ná Ahitab yɛ ɔpanin wɔ nokorɛ Nyankopɔn no fie* hɔ; 12 wɔne wɔn nuanom, efie no mu adwumayɛfoɔ no dodoɔ si 822; Adaia, Yeroham ba, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pasur ba,+ Malkiya ba; 13 ɔne ne nuanom a wɔyɛ agyanom mmusua mu mpanimfoɔ, wɔn dodoɔ si 242; Amassai, Asarel ba, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba; 14 wɔne wɔn nua mmarima akantinka; wɔn dodoɔ si 128; na wɔn so hwɛfoɔ ne Sabdiel a ɔfiri abusua bi a ɛwɔ animuonyam mu.
15 Wɔn mu Lewifoɔ nie: Semaia+ a ɔyɛ Hasub ba, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba, 16 ne Sabetai+ ne Yosabad+ a wɔyɛ Lewifoɔ mu atitire no, nokorɛ Nyankopɔn no fie nnwuma a wɔyɛ wɔ abɔnten no so ahwɛfoɔ; 17 ɛnna Matania+ a ɔyɛ Mika ba, Sabdi ba, Asaf ba;+ ɔno na na ɔdi nnwontoɔ anim na ɔfiri aseda dwom ase wɔ mpaebɔ mu;+ wɔn a wɔka wɔn ho ne Bakbukia, ɔpanin a ɔtɔ so mmienu wɔ ne nuanom mu, ne Abda, Sammua ba, Galal ba, Yedutan+ ba. 18 Lewifoɔ a na wɔtete kuro kronkron no mu nyinaa dodoɔ si 284.
19 Apono ano ahwɛfoɔ no ne Akub ne Talmon+ ne wɔn nuanom a na wɔwɛn apono ano no, wɔn dodoɔ si 172.
20 Israelfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a aka no deɛ, na wɔtete Yuda nkuro a aka no mu, na na obiara wɔ n’asaase* so. 21 Asɔrefie asomfoɔ*+ no nso, na wɔtete Ofel;+ Siha ne Gispa na na wɔda asɔrefie asomfoɔ* no ano.
22 Deɛ na ɔda Lewifoɔ ano wɔ Yerusalem ne Usi a ɔyɛ Bani ba; ná ɔyɛ Hasabia ba, ɔno nso yɛ Matania+ ba, na ɔno nso yɛ Mika a ɔfiri Asaf asefoɔ nnwontofoɔ mu no ba; adwuma a na wɔyɛ no nokorɛ Nyankopɔn no fie no, Usi na na ɔhwɛ so. 23 Ɔhene no hyɛɛ mmara+ maa wɔyɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔmma nnwontofoɔ no deɛ wɔbɛhia da biara da. 24 Ná Mesesabel a ɔfiri Yuda ba Sera mma mu no ba Petahia yɛ ɔhene fotufoɔ* wɔ ɔman no nsɛm nyinaa mu.
25 Nkuro ne ɛho nsaase a Yuda asefoɔ no bi tenatenaa mu ne Kiriat-Arba+ ne ɛho nkuro,* Dibon ne ɛho nkuro, Yekabseel+ ne ɛho nkuraa, 26 Yesua, Molada,+ Bet-Pelet,+ 27 Hasar-Sual+ ne Beer-Seba ne ɛho nkuro,* 28 Siklag+ ne Mekona ne ɛho nkuro,* 29 En-Rimon,+ Sora,+ Yamut, 30 Sanoa+ ne Adulam ne ɛho nkuraa, Lakis+ ne ɛho nsaase, ne Aseka+ ne ɛho nkuro.* Na wɔtenatenaa Beer-Seba kɔsii Hinom Bɔn mu.+
31 Ná Benyamin asefoɔ no wɔ Geba,+ Mikmas, Aiya ne Betel+ ne ɛho nkuro* mu, 32 Anatot,+ Nob,+ Anania, 33 Hasor, Rama,+ Gitaim, 34 Hadid, Seboim, Nebalat, 35 Lod ne Ono,+ adwumfoɔ bɔn no mu. 36 Lewifoɔ mu no, wɔmaa kuo bi a wɔwɔ Yuda asaase so kɔɔ Benyamin asaase so.