-
Esra 10:14, 15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Enti yɛsrɛ wo, ma yɛn mpanimfoɔ nnyina asafo no nyinaa ananmu;+ na kuro biara mu nnipa a wɔawareware aman foforɔ so mmaa no, wɔmmra wɔ berɛ a wɔbɛhyɛ ama wɔn no mu, wɔne kuro biara mu mpanimfoɔ ne atemmufoɔ no, nkɔsi sɛ yɛbɛma yɛn Nyankopɔn abufuhyeɛ afiri yɛn so wɔ asɛm yi ho.”
15 Nanso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yaseia ne wɔn anyɛ adwene, na Lewini Mesulam ne Lewini Sabetai+ nso ne wɔn anyɛ adwene.
-