Esra
10 Berɛ a Esra butu nokorɛ Nyankopɔn no fie anim na ɔde nisuo rebɔ mpaeɛ+ na ɔreka ɔman no bɔne no, Israelfoɔ pii, mmarima ne mmaa ne mmɔfra, boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na na ɔman no resu dendeenden. 2 Ɛnna Yehiel+ ba Sekania a ɔfiri Elam mma+ mu ka kyerɛɛ Esra sɛ: “Yɛato yɛn Nyankopɔn mmara sɛ yɛakɔwareware aman foforɔ so* mmaa a wɔwɔ asaase no so ne wɔn abɛtena.+ Wei nyinaa akyi, anidasoɔ wɔ hɔ ma Israel. 3 Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn nyɛ apam+ sɛ yɛbɛma mmaa no nyinaa ne wɔn mma a wɔawo wɔn no akɔ sɛdeɛ Yehowa ne wɔn a wɔfa Onyankopɔn mmara aniberesɛm* no akwankyerɛ teɛ.+ Momma yɛnyɛ no sɛdeɛ Mmara no aka. 4 Sɔre, na asɛm yi da wo so, na yɛn nso yɛtaa w’akyi. Ma wo ho nyɛ den na yɛ ho biribi.”
5 Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ mpanimfoɔ ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa ntam sɛ wɔbɛyɛ deɛ wɔaka no.+ Enti wɔkaa ntam. 6 Afei Esra sɔre firii nokorɛ Nyankopɔn no fie anim kɔɔ Eliasib ba Yehohanan adekoradan no mu.* Ɔkɔɔ hɔ nanso wannidi, na wannom nsuo nso, ɛfiri sɛ na ɔredi wɔn a wɔafiri obi man so aba no mmarato ho awerɛhoɔ.+
7 Ɛnna wɔmaa wɔpaee mu kaa no Yuda ne Yerusalem nyinaa sɛ wɔn a wɔasan aba no nyinaa mmɛhyiam wɔ Yerusalem, 8 na sɛdeɛ mpanimfoɔ ne atitire akyerɛ no, obiara a ɛbɛduru nnansa na ɔmmaeɛ no, wɔbɛgye n’agyapadeɛ nyinaa, na wɔbɛtu no afiri wɔn a wɔasan aba no asafo mu.+ 9 Enti ɛduruu ne nnansa so, bosome a ɛtɔ so nkron no da a ɛtɔ so 20 no, na Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa aboaboa wɔn ho ano abɛhyiam wɔ Yerusalem. Nnipa no nyinaa tenatenaa nokorɛ Nyankopɔn fie no adihɔ baabi. Asɛm a aba no ne nsuo kɛseɛ a ɛretɔ nti, na wɔn ho repopo.
10 Ɛnna ɔsɔfoɔ Esra sɔreeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moato mmara sɛ moakɔwareware aman foforɔ so mmaa,+ na moama Israel asodie ayɛ kɛseɛ. 11 Afei monka mo bɔne nkyerɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no, na monyɛ n’apɛdeɛ. Montwe mo ho mfiri asaase no sofoɔ ne saa aman foforɔ so mmaa yi ho.”+ 12 Ɛnna asafo no nyinaa de nne kɛseɛ kaa sɛ: “Yɛbɛyɛ deɛ woaka nyinaa pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso nnipa no dɔɔso, na yɛwɔ sutɔberɛ mu, enti yɛrentumi nnyina abɔnten. Wei nso nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne kɛseɛ* wɔ asɛm yi mu. 14 Enti yɛsrɛ wo, ma yɛn mpanimfoɔ nnyina asafo no nyinaa ananmu;+ na kuro biara mu nnipa a wɔawareware aman foforɔ so mmaa no, wɔmmra wɔ berɛ a wɔbɛhyɛ ama wɔn no mu, wɔne kuro biara mu mpanimfoɔ ne atemmufoɔ no, nkɔsi sɛ yɛbɛma yɛn Nyankopɔn abufuhyeɛ afiri yɛn so wɔ asɛm yi ho.”
15 Nanso Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yaseia ne wɔn anyɛ adwene, na Lewini Mesulam ne Lewini Sabetai+ nso ne wɔn anyɛ adwene. 16 Ne nyinaa akyi no, wɔn a wɔfiri obi man so asan aba no yɛɛ sɛdeɛ wɔaka no; na ɔsɔfoɔ Esra ne agyanom fie mpanimfoɔ no nyinaa kɔgyinagyinaa hɔ sɛdeɛ wɔn din teɛ; na bosome a ɛtɔ so du no da a ɛdi kan no, wɔtenaa ase firii aseɛ hwehwɛɛ asɛm no mu. 17 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, wɔne mmarima a wɔawareware aman foforɔ so mmaa no wieeɛ. 18 Na wɔbɛhuu sɛ asɔfoɔ mma no bi nso awareware aman foforɔ so mmaa:+ Wɔn ne Maaseia, Elieser, Yarib, ne Gedalia. Wɔfiri Yehosadak ba Yesua+ ne ne nuanom mma mu. 19 Nanso wɔhyɛɛ bɔ* sɛ wɔbɛpamo wɔn yerenom no, na ɛsiane wɔn bɔne nti, wɔn mu biara de wɔn mmoa mu odwennini baako bɛbɔ afɔreɛ wɔ wɔn afɔdie no ho.+
20 Imer mma+ mu, Hanani ne Sebadia; 21 Harim mma+ mu, Maaseia, Elia, Semaia, Yehiel, ne Usia; 22 Pasur mma+ mu, Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad, ne Eleasa. 23 Na Lewifoɔ mu, Yosabad, Simei, Kelaia (kyerɛ sɛ, Kelita), Petahia, Yuda, ne Elieser; 24 nnwontofoɔ mu, Eliasib; apono ano ahwɛfoɔ mu, Salum, Telem, ne Uri.
25 Na Israel mu, Paros mma+ mu, Ramia, Yisia, Malkiya, Miyamin, Eleasar, Malkiya, ne Benaia; 26 Elam mma+ mu, Matania, Sakaria, Yehiel,+ Abdi, Yeremot, ne Elia; 27 Satu mma+ mu, Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad, ne Asisa; 28 Bebai mma+ mu, Yehohanan, Hanania, Sabai, ne Atlai; 29 Bani mma mu, Mesulam, Maluk, Adaia, Yasub, Seal, ne Yeremot; 30 Pahat-Moab mma+ mu, Adna, Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel, Binui, ne Manase; 31 Harim mma+ mu, Elieser, Yisiya, Malkiya,+ Semaia, Simeon, 32 Benyamin, Maluk, ne Semaria; 33 Hasum mma+ mu, Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase, ne Simei; 34 Bani mma mu, Maadai, Amram, Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai, ne Yaasu; 38 Binui mma mu, Simei, 39 Selemia, Natan, Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel, Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria, ne Yosef; 43 Nebo mma mu, Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadai, Yoel, ne Benaia. 44 Weinom nyinaa warewaree aman foforɔ so mmaa,+ na wɔpamoo wɔn yerenom ne wɔn mma no.+