Esra
10 Ɛbaa sɛ berɛ a Esra butuu+ nokorɛ Nyankopɔn fie+ anim na ɔbɔɔ mpaeɛ+ de nisuo kaa wɔn bɔne+ no, Israel asafo kɛseɛ pa ara boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, mmarima ne mmaa ne mmɔfra, na ɔman no suu kɛse. 2 Ɛnna Yehiel+ ba Sekania a ɔfiri Elam+ mma mu ka kyerɛɛ Esra sɛ: “Yɛn deɛ, yɛato yɛn Nyankopɔn mmara sɛ yɛakɔwareware ananafoɔ mmaa a wɔwɔ asase no soɔ+ ne wɔn abɛtena. Nanso anidasoɔ+ wɔ hɔ ma Israel wɔ asɛm yi mu. 3 Enti momma yɛne Onyankopɔn nyɛ apam,+ na yɛmma mmaa no ne wɔn mma a wɔawo wɔn no nkɔ+ sɛdeɛ Yehowa ne wɔn a wɔn ho popo+ yɛn Nyankopɔn mmara+ ho no akwankyerɛ teɛ; momma yɛnyɛ no sɛdeɛ mmara+ no aka. 4 Sɔre, na asɛm yi da wo so, na yɛn nso yɛtaa w’akyi. Ma wo ho nyɛ den na yɛ ho biribi.”
5 Ɛnna Esra sɔreeɛ, na ɔmaa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ mpanimfoɔ ne Israel mpanimfoɔ nyinaa kaa ntam+ sɛ wɔbɛdi asɛm yi so. Enti wɔkaa ntam. 6 Na Esra sɔre firii nokorɛ Nyankopɔn fie anim kɔɔ Eliasib ba Yehohanan adidibea.+ Ɔkɔɔ hɔ deɛ, nanso wannidi,+ na wannom nsuo nso, ɛfiri sɛ na ɔredi atukɔfoɔ no mmarato no ho awerɛhoɔ.+
7 Ɛnna wɔmaa wɔpaee mu kaa no Yuda ne Yerusalem nyinaa kyerɛɛ wɔn a wɔfiri nkoasom mu aba+ no nyinaa sɛ wɔmmoa wɔn ano mmɛhyiam Yerusalem; 8 na obiara a wamma+ nnansa soɔ sɛdeɛ mpanimfoɔ+ ne atitire no akyerɛ no, wɔbɛgye n’agyapadeɛ+ nyinaa, na ɔno nso, wɔbɛyi no afiri+ atukɔfoɔ asafo no mu. 9 Ɛnna Yuda ne Benyamin mmarima nyinaa boaboaa wɔn ho ano bɛhyiaam Yerusalem ne nnansa soɔ, bosome a ɛtɔ so nkron+ no da a ɛtɔ so aduonu. Na nnipa no nyinaa tenatenaa nokorɛ Nyankopɔn fie no adihɔ baabi, na asɛm no ne nsuo a ɛretɔ+ nti wɔn ho popoeɛ.
10 Ɛnna ɔsɔfoɔ Esra sɔreeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moato mmara sɛ moakɔwareware ananafoɔ mmaa+ ne wɔn abɛtena, na moama Israel asodie ayɛ kɛseɛ.+ 11 Enti monka mo bɔne+ nkyerɛ Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no, na monyɛ n’apɛdeɛ+ na monte mo ho mfiri asase no sofoɔ ne ananafoɔ mmaa no ho.”+ 12 Ɛnna asafo no nyinaa de nne kɛseɛ kaa sɛ: “Deɛ woaka nyinaa ɛsɛ sɛ yɛyɛ.+ 13 Nanso nnipa no dɔɔso na yɛwɔ osutɔberɛ mu nso, enti yɛrentumi nnyina abɔnten; na yei nyɛ da koro anaa nnanu adwuma, ɛfiri sɛ yɛn atuateɛ no sõ asɛm yi mu. 14 Enti yɛsrɛ wo, ma yɛn mpanimfoɔ+ nnyina asafo no nyinaa ananmu; na kuro biara mu nnipa a wɔawareware ananafoɔ no, ma wɔmmra berɛ a wɔbɛhyɛ mu, wɔne kuro no mu mpanimfoɔ ne atemmufoɔ no, nkɔsi sɛ yɛbɛma yɛn Nyankopɔn abufuhyeɛ afiri yɛn so wɔ asɛm yi ho.”
15 (Ɛnna Asahel ba Yonatan ne Tikwa ba Yaseia sɔre gyinaeɛ,+ yei ho, na Lewifoɔ Mesulam ne Sabetai+ boaa wɔn.) 16 Na wɔn a wɔfiri nkoasom+ mu aba no yɛɛ saa; na ɔsɔfoɔ Esra ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom fie mpanimfoɔ+ no nyinaa kɔgyinagyinaa sɛdeɛ wɔn din teɛ; na bosome a ɛtɔ so du+ no da a ɛdi kan no, wɔtenaa ase firii aseɛ hwehwɛɛ asɛm no mu.+ 17 Na nkakrankakra, wɔne mmarima a wɔawareware ananafoɔ mmaa+ no wiee asɛm no bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan. 18 Ná asɔfoɔ+ mma no bi nso awareware ananafoɔ mmaa; Yehosadak+ ba Yesua+ mma ne ne nuanom mu, Maaseia ne Elieser ne Yarib ne Gedalia. 19 Na wɔkyeakyeaa wɔn nsam de hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛpamo wɔn yerenom no, na wɔn asodie+ nti, wɔde mmoa no mu odwennini+ baako bɛbɔ afɔdeɛ wɔn asodie no ho.
20 Imer+ mma mu, Hanani ne Sebadia; 21 Harim+ mma mu, Maaseia ne Elia ne Semaia ne Yehiel ne Usia; 22 Pasur+ mma mu, Elioenai, Maaseia, Ismael, Netanel, Yosabad, ne Eleasa. 23 Na Lewifoɔ mu, Yosabad ne Simei ne Kelaia (kyerɛ sɛ, Kelita), Petahia, Yuda ne Elieser; 24 nnwontofoɔ mu, Eliasib; apono ano ahwɛfoɔ mu, Salum ne Telem ne Uri.
25 Na Israel mu, Paros+ mma mu, Ramia ne Yisia ne Malkiya ne Miyamin ne Eleasar ne Malkiya ne Benaia; 26 Elam+ mma mu, Matania, Sakaria, Yehiel,+ Abdi, Yeremot ne Elia; 27 Satu+ mma mu, Elioenai, Eliasib, Matania, Yeremot, Sabad ne Asisa; 28 Bebai+ mma mu, Yehohanan, Hanania, Sabai ne Atlai; 29 Bani mma mu, Mesulam, Maluk ne Adaia, Yasub ne Seal ne Yeremot; 30 Pahat-Moab+ mma mu, Adna ne Kelal, Benaia, Maaseia, Matania, Besalel ne Binui ne Manase; 31 Harim+ mma mu, Elieser, Yisiya, Malkiya,+ Semaia, Simeon, 32 Benyamin, Maluk ne Semaria; 33 Hasum+ mma mu, Matenai, Matata, Sabad, Elifelet, Yeremai, Manase ne Simei; 34 Bani mma mu, Maadai, Amram ne Uel, 35 Benaia, Bedeia, Keluhi, 36 Wania, Meremot, Eliasib, 37 Matania, Matenai ne Yaasu; 38 Binui mma mu, Simei 39 ne Selemia ne Natan ne Adaia, 40 Maknadebai, Sasai, Sarai, 41 Asarel ne Selemia, Semaria, 42 Salum, Amaria, Yosef; 43 Nebo mma mu, Yeiel, Matitia, Sabad, Sebina, Yadai ne Yoel ne Benaia. 44 Yeinom nyinaa warewaree ananafoɔ mmaa,+ na wɔpamoo wɔn yerenom no ne wɔn mma.