14 Enti yɛsrɛ wo, ma yɛn mpanimfoɔ nnyina asafo no nyinaa ananmu;+ na kuro biara mu nnipa a wɔawareware aman foforɔ so mmaa no, wɔmmra wɔ berɛ a wɔbɛhyɛ ama wɔn no mu, wɔne kuro biara mu mpanimfoɔ ne atemmufoɔ no, nkɔsi sɛ yɛbɛma yɛn Nyankopɔn abufuhyeɛ afiri yɛn so wɔ asɛm yi ho.”