Esra
9 Wɔwiee yeinom ara pɛ, mpanimfoɔ+ no baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Israelfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho+ mfirii nsase no so aman no abofonodeɛ+ ho: Aman no ne Kanaanfoɔ,+ Hitifoɔ,+ Perisifoɔ,+ Yebusifoɔ,+ Ammonfoɔ,+ Moabfoɔ,+ Egyptfoɔ,+ ne Amorifoɔ.+ 2 Wɔawareware wɔn mma mmaa, na wɔawareware bi nso ama wɔn mma mmarima,+ na asefoɔ kronkron+ no nso, wɔde wɔn ho akɔfra+ nsase no so nnipa mu, na wɔn mu mpanimfoɔ ne asoafoɔ no na wɔdi mmarato yi mu kan.”+
3 Metee asɛm yi ara pɛ, mesunsuanee m’atadeɛ ne me ngugusoɔ mu;+ metutuu me tiri nwi+ ne m’abɔdwesɛ, na mede ahodwirie+ tenaa ase. 4 Israel Nyankopɔn asɛm a waka atia atukɔfoɔ a wɔfiri nkoasom mu aba no mmarato nti, wɔn nyinaa de ahopopoɔ+ boaboaa wɔn ano baa me nkyɛn, na me deɛ, mede ahodwirie tenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔdeɛ+ no.
5 Anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔdeɛ+ no, mesɔre firii m’awerɛhoɔ mu; ná masunsuane m’atadeɛ ne me ngugusoɔ mu, na mebuu nkotodwe+ trɛɛ me nsam kyerɛɛ Yehowa me Nyankopɔn.+ 6 Na mekaa+ sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu+ yɛ me fɛre+ mpo sɛ mɛma me tiri so akyerɛ woɔ; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne+ adɔɔso atra yɛn tiri so, na yɛn asodie ayɛ kɛse akɔduru soro.+ 7 Ɛfiri yɛn agyanom+ berɛ so na yɛn asodie adɔɔso abɛsi nnɛ da yi,+ na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahemfo+ ne yɛn asɔfoɔ+ ahyɛ asase so ahemfo nsa, nkrantɛ,+ nkoasom,+ afom+ ne animguaseɛ+ mu te sɛ nnɛ da yi. 8 Na seesei Yehowa yɛn Nyankopɔn, woahu yɛn mmɔbɔ+ kakra sɛ woama ebinom afiri mu aka,+ O yɛn Nyankopɔn. Woama yɛn ase atim* wo kronkronbea hɔ, woama yɛn ani agye,+ na woama yɛanya ahotɔ kakra afiri yɛn nkoasom mu.+ 9 Yɛyɛ nkoa,+ na yɛn nkoasom mu no, yɛn Nyankopɔn, woannya yɛn,+ woayɛ yɛn adɔeɛ wɔ Persia ahemfo+ anim, woapagya yɛn bio na yɛatumi ama wo, yɛn Nyankopɔn fie+ so, na yɛakyekyere n’amamfõ,+ na yɛanya aboɔ afasuo+ wɔ Yuda ne Yerusalem.
10 “Na afei yei nyinaa akyi no, ɛdeɛn na yɛnka, O yɛn Nyankopɔn? Yɛagya wo mmara nsɛm+ 11 a wonam wo nkoa adiyifoɔ no so hyɛeɛ no sɛ, ‘Asase a morekɔfa no yɛ asase a ɛho agu fĩ ɛfiri sɛ ɛso nnipa+ ayɛ afĩdeɛ,+ na wɔn akyiwadeɛ+ nti, abofonodeɛ ahyɛ so mã firi tire kɔsi tire.+ 12 Na mommfa mo mma mmaa mmma wɔn mma mmarima awareɛ,+ na monnnye wɔn mma mmaa awareɛ mmma mo mma mmarima; monnhwehwɛ asomdwoeɛ+ ne yiedie mmma wɔn da biara da, na moayɛ den+ na moadi asase no so nnepa, na moafa de agya mo mma daa.’+ 13 Na deɛ yɛn nnebɔne+ ne yɛn asodie kɛseɛ nti aba yɛn soɔ nyinaa akyi no,—O yɛn Nyankopɔn, woammu yɛn bɔne ade kɛseɛ biara,+ na woama ebinom afiri mu aka te sɛ yeinom+— 14 yɛmmu wo mmara nsɛm so bio na yɛnkɔwareware+ nnipa a wɔyɛ abofonodeɛ+ yi anaa? Anka wo bo remfu yɛn nkɔsi+ sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obiara mfiri mu nka?+ 15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, wotene,+ ɛfiri sɛ yɛafiri mu aka de abɛsi nnɛ da yi. Yɛwɔ w’anim yɛn asodie+ mu; asɛm yi nti, obiara ntumi nnyina w’anim.”+