Esra
8 Agyanom mmusua mu atitire+ ne mmusua mmusua+ a wɔtwerɛɛ wɔn din no, wɔn a wɔne me firii Babilon kɔeɛ, Ɔhene Artasasta+ ahennie mu no din nie: 2 Finehas+ mma mu, Gersom; Itamar+ mma mu, Daniel;+ Dawid+ mma mu, Hatus; 3 Sekania mma mu, Paros+ mma mu, Sakaria, na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum kaa ne ho; 4 Pahat-Moab+ mma mu, Serahia ba Elieho-Enai, na mmarima ahanu ka ne ho; 5 Satu+ mma mu, Yahasiel ba Sekania, na mmarima ahasa ka ne ho; 6 Adin+ mma mu, Yonatan ba Ebed, na mmarima aduonum ka ne ho; 7 Elam+ mma mu, Atalia ba Yesia, na mmarima aduɔson ka ne ho; 8 Sefatia+ mma mu, Mikael ba Sebadia, na mmarima aduɔwɔtwe ka ne ho; 9 Yoab mma mu, Yehiel ba Obadia, na mmarima ahanu ne dunwɔtwe ka ne ho; 10 Bani+ mma mu, Yosifia ba Selomit, na mmarima ɔha aduosia ka ne ho; 11 Bebai mma mu, Bebai+ ba Sakaria, na mmarima aduonu nwɔtwe ka ne ho; 12 Asgad+ mma mu, Hakatan ba Yohanan, na mmarima ɔha ne du ka ne ho; 13 Adonikam+ mma mu, wɔn a wɔtwa toɔ din nie: Elifelet ne Yeiel ne Semaia, na mmarima aduosia ka wɔn ho; 14 Bigwai+ mma mu, Utai ne Sabbud, na mmarima aduɔson ka wɔn ho.
15 Na meboaa wɔn ano wɔ asuo+ a ɛsene ba Ahawa+ no ho; na yɛtenaa hɔ nnansa sɛ merehwehwɛ nkurɔfoɔ+ no ne asɔfoɔ+ no mu, nanso manhunu Lewifoɔ+ no mu biara wɔ hɔ. 16 Enti mesomaa sɛ wɔnkɔfrɛ Elieser, Ariel, Semaia, ne Elnatan ne Yarib ne Elnatan ne Natan ne Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ atitire, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no mmra.+ 17 Ɛnna mehyɛɛ sɛ wɔnkɔ Ido nkyɛn, otitire a ɔwɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Kasifia, na mede nsɛm hyɛɛ wɔn anom+ sɛ wɔnka nkyerɛ Ido ne ne nuanom Netinimfoɔ+ a wɔwɔ Kasifia no, sɛ wɔmfa asomfoɔ+ a wɔbɛsom wɔ yɛn Nyankopɔn fie mmrɛ yɛn. 18 Yɛn Nyankopɔn papayɛ nsa+ a ɛwɔ yɛn soɔ nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima nyansafoɔ+ bi a ɔfiri Israel ba Lewi+ banana Mahli+ mma mu a wɔfrɛ no Serebia,+ ɔne ne mma ne ne nuanom, nnipa dunwɔtwe; 19 ne Hasabia ne Yesia a ɔfiri Merari+ mma mu ne ne nuanom ne wɔn mma, nnipa aduonu. 20 Na Netinimfoɔ a Dawid ne akunini no de wɔn maa Lewifoɔ som no, wɔyɛ Netinimfoɔ ahanu aduonu; wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.
21 Ɛnna mekaa sɛ yɛnni mmuada wɔ Ahawa asuo ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase+ yɛn Nyankopɔn anim, na yɛmmisa no kwan pa+ a yɛde yɛn mma nkumaa+ ne yɛn nneɛma bɛfa soɔ. 22 Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mɛbisa asraafoɔdɔm+ ne apɔnkɔsotefoɔ+ afiri ɔhene no hɔ ama wɔabɔ yɛn ho ban afiri atamfo nsam wɔ kwan so, ɛfiri sɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene sɛ: “Yɛn Nyankopɔn nsa+ wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so sɛ ɔbɛdi ama wɔn,+ na ne tumi ne n’abufuo+ wɔ wɔn a wɔpo+ no so.” 23 Enti yɛdii mmuada+ srɛɛ+ yɛn Nyankopɔn wɔ asɛm yi ho, na ɔtiee+ yɛn.
24 Afei meyii asɔfoɔ mpanimfoɔ no mu dumienu, Serebia+ ne Hasabia+ ne wɔn nuanom du a wɔka wɔn ho. 25 Na mekarii dwetɛ ne sika ne anwenneɛ+ no, yɛn Nyankopɔn fie nneɛma a ɔhene+ ne n’agyinatufoɔ+ ne ne mpanimfoɔ ne Israelfoɔ+ a wɔwɔ hɔ nyinaa de bɛboaeɛ no de hyɛɛ wɔn nsa. 26 Nneɛma a mekari guu wɔn nsam no yɛ dwetɛ dwetikɛseɛ+ ahansia aduonum, ne dwetɛ anwenneɛ ɔha a ano si dwetikɛseɛ mmienu, ne sika dwetikɛseɛ ɔha, 27 ne sika nkuruwa aduonu a ano si darik apem, ne kɔbere papa anwenneɛ mmienu hyɛnn a ne boɔ yɛ den sɛ sika.
28 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ kronkron+ ma Yehowa, na anwenneɛ+ no nso yɛ akronkronneɛ, na dwetɛ ne sika no yɛ ayɛyɛdeɛ ma Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn. 29 Monwɛn na momma mo ani nna hɔ nkɔsi sɛ mobɛkari+ no asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel agyanom mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no anim, Yehowa fie adidibea+ hɔ.” 30 Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no gyee dwetɛ ne sika ne anwenneɛ a wɔkari maa wɔn sɛ wɔmfa nkɔ yɛn Nyankopɔn fie+ wɔ Yerusalem no.
31 Na bosome a ɛdi kan+ no da a ɛtɔ so dumienu no, yɛtu firii Ahawa+ asuo no ho de yɛn ani kyerɛɛ Yerusalem, na yɛn Nyankopɔn nsa a ɛwɔ yɛn soɔ nti, ɔgyee+ yɛn firii atamfo ne wɔn a wɔtɛ kwan mu no nsam. 32 Na yɛkɔduruu Yerusalem,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. 33 Da a ɛtɔ so nnan no, yɛkarii dwetɛ ne sika+ ne anwenneɛ+ no yɛn Nyankopɔn fie de hyɛɛ Uriya ba ɔsɔfoɔ Meremot+ ne Finehas ba Eleasar a ɔka ne ho no nsa, na na Lewifoɔ Yesua ba Yosabad+ ne Binui+ ba Noadia ka wɔn ho; 34 wɔhwɛɛ ne nyinaa dodoɔ ne emu duro, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa mu duro too hɔ saa berɛ no. 35 Atukɔfoɔ+ a wɔfiri nkoasom mu aba no de ɔhyeɛ afɔdeɛ+ brɛɛ Israel Nyankopɔn, Israelfoɔ nyinaa din mu: anantwinini+ dumienu; adwennini+ aduɔkron nsia; nnwammaa anini, aduɔson nson; bɔne ho afɔdeɛ, mpapo+ dumienu; wɔde ne nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Yehowa.
36 Ɛnna yɛde ɔhene no mmara+ maa ɔhene amantam asoafoɔ+ ne amradofoɔ+ a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ+ no agya no, na wɔboaa ɔman+ no ne nokorɛ Nyankopɔn fie no.