Esra
8 Agyanom mmusua mu mpanimfoɔ ne mmusua mmusua a wɔtwerɛɛ wɔn din a Ɔhene Artasasta ahennie mu wɔne me firii Babilon baeɛ no,+ wɔn din nie: 2 Finehas mma+ mu, Gersom; Itamar+ mma mu, Daniel; Dawid mma mu, Hatus; 3 Paros mma mu: Sekania mma mu, Sakaria, na wɔkan n’abusua mu mmarima 150 kaa ne ho. 4 Pahat-Moab mma+ mu, Serahia ba Elieho-Enai; ná mmarima 200 ka ne ho. 5 Satu mma+ mu, Yahasiel ba Sekania; ná mmarima 300 ka ne ho. 6 Adin mma+ mu, Yonatan ba Ebed; ná mmarima 50 ka ne ho. 7 Elam mma+ mu, Atalia ba Yesia; ná mmarima 70 ka ne ho. 8 Sefatia mma+ mu, Mikael ba Sebadia; ná mmarima 80 ka ne ho. 9 Yoab mma mu, Yehiel ba Obadia; ná mmarima 218 ka ne ho. 10 Bani mma mu, Yosifia ba Selomit; ná mmarima 160 ka ne ho. 11 Bebai mma+ mu, Bebai ba Sakaria; ná mmarima 28 ka ne ho. 12 Asgad mma+ mu, Hakatan ba Yohanan; ná mmarima 110 ka ne ho. 13 Adonikam mma+ mu, wɔn a wɔtwa toɔ din nie: Elifelet, Yeiel, ne Semaia; ná mmarima 60 ka wɔn ho. 14 Bigwai mma+ mu, Utai ne Sabbud; ná mmarima 70 ka wɔn ho.
15 Meboaa wɔn ano wɔ asubɔnten a ɛsene ba Ahawa no ho,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. Nanso berɛ a mehwehwɛɛ nkurɔfoɔ no ne asɔfoɔ no mu no, manhu Lewini biara wɔ wɔn mu. 16 Enti mesomaa sɛ wɔnkɔfrɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ atitire, ne Yoiarib ne Elnatan a wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no mmra. 17 Ɛnna mekaa sɛ wɔnkɔ Ido nkyɛn; ɔyɛ otitire wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Kasifia. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Ido ne ne nuanom asɔrefie asomfoɔ* a wɔwɔ Kasifia no sɛ wɔmfa asomfoɔ a wɔbɛsom wɔ yɛn Nyankopɔn fie mmrɛ yɛn. 18 Yɛn Nyankopɔn a ɔka yɛn ho* nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima nyansafoɔ bi a ɔfiri Israel ba Lewi banana Mahli+ mma mu a wɔfrɛ no Serebia,+ ne ne mma ne ne nuanom, mmarima 18; 19 ne Hasabia ne Yesia a ɔfiri Merari mma+ mu ne ne nuanom ne wɔn mma, mmarima 20. 20 Na asɔrefie asomfoɔ* 220 a Dawid ne mpanimfoɔ no de wɔn maa Lewifoɔ som no, wɔbobɔɔ wɔn nyinaa din.
21 Ɛnna mekaa sɛ yɛnyɛ akɔnkyene* wɔ Asubɔnten Ahawa ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase yɛn Nyankopɔn anim, na yɛnhwehwɛ ne hɔ akwankyerɛ a yɛde bɛtu kwan no; ne sɛdeɛ yɛbɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mma ne yɛn nneɛma nyinaa so. 22 Ná ɛyɛ me aniwu sɛ mɛbisa asraafoɔ ne wɔn a wɔtete apɔnkɔ so afiri ɔhene no hɔ ama wɔabɔ yɛn ho ban afiri atamfo nsam wɔ kwan so, ɛfiri sɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ yɛn Nyankopɔn no, ne nsa wɔ wɔn nyinaa so, na ɔbɛdi ama wɔn,+ na wɔn a wɔpo no no deɛ, ne tumi ne n’abufuo wɔ wɔn so.”+ 23 Enti yɛyɛɛ akɔnkyene srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ asɛm yi ho, na ɔtiee yɛn nkotosrɛ.+
24 Afei meyii asɔfoɔ mpanimfoɔ no mu 12, Serebia ne Hasabia+ ne wɔn nuanom du a wɔka wɔn ho. 25 Ɛnna mekarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no, yɛn Nyankopɔn fie nneɛma a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ne ne mpanimfoɔ ne Israelfoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa de bɛboaeɛ no, na mede hyɛɛ wɔn nsa.+ 26 Nneɛma a mekari guu wɔn nsam no yɛ dwetɛ dwetikɛseɛ* 650, ne dwetɛ nneɛma 100 a ano si dwetikɛseɛ 2, ne sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 100, 27 ne sika kɔkɔɔ nkyɛnsee nketewa 20 a ano si darik* 1,000, ne nneɛma 2 a wɔde kɔbere papa ayɛ ama no ayɛ hyɛnn a ne boɔ yɛ den sɛ sika kɔkɔɔ.
28 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moyɛ kronkron ma Yehowa,+ na nneɛma no nso yɛ nneɛma kronkron, na dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no yɛ ayamyɛ afɔrebɔdeɛ ma Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn. 29 Monhwɛ so yie nkɔsi sɛ mobɛkari no asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Lewifoɔ ne Israel agyanom mpanimfoɔ a wɔwɔ Yehowa fie adekora adan* mu hɔ wɔ Yerusalem+ no anim.” 30 Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no faa dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔkari maa wɔn no, na wɔde kɔɔ yɛn Nyankopɔn fie wɔ Yerusalem.
31 Bosome a ɛdi kan+ no da a ɛtɔ so 12 no, yɛtu firii Asubɔnten Ahawa ho+ de yɛn ani kyerɛɛ Yerusalem; ná yɛn Nyankopɔn nsa wɔ yɛn so, na ɔgyee yɛn firii atamfo ne wɔn a wɔtɛ kwan mu no nsam. 32 Enti yɛbɛduruu Yerusalem,+ na yɛtenaa hɔ nnansa. 33 Da a ɛtɔ so nnan no, yɛkarii dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a aka no wɔ yɛn Nyankopɔn fie+ de maa Uriya ba ɔsɔfoɔ Meremot+ ne Finehas ba Eleasar a ɔka ne ho no, na na Lewini Yesua ba Yosabad+ ne Lewini Binui+ ba Noadia ka wɔn ho. 34 Wɔkan ne nyinaa dodoɔ na wɔkarii, na wɔtwerɛɛ ne nyinaa mu duro too hɔ. 35 Wɔn a wɔafiri obi man so aba no de ɔhyeɛ afɔreɛ brɛɛ Israel Nyankopɔn, wɔde anantwinini+ 12 bɔɔ afɔreɛ maa Israelfoɔ nyinaa, adwennini+ 96, adwennini nkumaa+ 77, na wɔde mpɔnkyenini 12 bɔɔ bɔne ho afɔreɛ. Wɔde wei nyinaa bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ maa Yehowa.+
36 Ɛnna yɛde ɔhene no mmara+ maa ɔhene asoafoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten no* agya+ no, na wɔde nneɛma kɔboaa ɔman no ne nokorɛ Nyankopɔn no fie adwuma no.+