Esra
9 Wɔwiee weinom ara pɛ, mpanimfoɔ no baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: “Israelfoɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntwee wɔn ho mfirii amanaman no mu nnipa ne wɔn akyiwadeɛ ho.+ Wɔntwee wɔn ho mfirii Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Ammonfoɔ, Moabfoɔ, Egyptfoɔ,+ ne Amorifoɔ+ ho. 2 Wɔawareware wɔn mma mmaa, na wɔawareware bi nso ama wɔn mma mmarima.+ Asefoɔ* kronkron+ no de wɔn ho akɔfra amanaman no mu nnipa,+ na wɔn mu mpanimfoɔ ne asoafoɔ no na wɔdi akotene wɔ mmarato yi mu.”
3 Metee asɛm yi ara pɛ, mesuan m’ataadeɛ ne me ngugusoɔ mu; metutuu me tiri nwi ne m’abogyesɛ, na metenaa ase a me ho adwiri me. 4 Wɔn a wɔafiri obi man so aba no mmarato nti, wɔn a wɔfaa Israel Nyankopɔn asɛm aniberesɛm no* nyinaa boaboaa wɔn ho ano baa me nkyɛn. Saa berɛ no nyinaa na mete hɔ a me ho adwiri me; metenaa hɔ ara kɔsii anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔreɛ no.+
5 Anwummerɛ a wɔbɔ aduane afɔreɛ no,+ mesɔre firii m’awerɛhoɔ mu a meda so ara hyɛ m’ataadeɛ ne me ngugusoɔ a masuan mu no. Na mebuu nkotodwe trɛɛ me nsam kyerɛɛ Yehowa me Nyankopɔn. 6 Na mekaa sɛ: “O me Nyankopɔn, ɛyɛ me aniwu yɛ me fɛre mpo sɛ mɛma me ti so akyerɛ wo; O me Nyankopɔn, yɛn bɔne adɔɔso atra yɛn tiri so, na yɛn asodie ayɛ kɛse akɔduru soro.+ 7 Ɛfiri yɛn agyanom berɛ so na yɛn bɔne adɔɔso+ abɛsi nnɛ da yi, na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ ahyɛ asaase so ahemfo nsa, na yɛatotɔ sekan ano,+ wɔatu yɛn afiri yɛn man mu,+ wɔafom yɛn nneɛma,+ na yɛn anim agu ase; weinom nyinaa ato yɛn sɛdeɛ nnɛ yɛn ani tua yi.+ 8 Na seesei Yehowa yɛn Nyankopɔn, berɛ tiaa yi mu no, yɛanya w’anim adom sɛ woama ebinom afiri mu aka. O yɛn Nyankopɔn, woama yɛn ase atim* wɔ wo kronkronbea hɔ,+ woama yɛn ani agye, na woama yɛanya ahotɔ kakra afiri yɛn nkoasom mu. 9 Ɛwom sɛ yɛyɛ nkoa+ deɛ, nanso yɛn nkoasom mu no, yɛn Nyankopɔn, woannya yɛn, woada ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ yɛn wɔ Persia ahemfo anim,+ woapagya yɛn bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛma yɛn Nyankopɔn fie so,+ na yɛasiesie kuro a asɛe no, na wobɛma yɛanya aboɔ fasuo* wɔ Yuda ne Yerusalem.
10 “O yɛn Nyankopɔn, wei nyinaa akyi no, deɛn na yɛnka? Yɛagya wo mmara nsɛm 11 a wonam wo nkoa adiyifoɔ no so de maa yɛn no. Wokaa sɛ: ‘Asaase a morekɔfa no yɛ asaase a ɛho agu fĩ ɛfiri sɛ ɛso nnipa abu bra fĩ,* na abofonodeɛ a wɔayɛ nti, akyiwadeɛ ahyɛ asaase no so ma firi tire kɔsi tire.+ 12 Enti ɛnsɛ sɛ mode mo mma mmaa ma wɔn mma mmarima awareɛ, na ɛnsɛ sɛ mogye wɔn mma mmaa awareɛ ma mo mma mmarima.+ Monnhwehwɛ asomdwoeɛ ne yiedie mmma wɔn da.+ Sɛ motie a, mobɛyɛ den na moadi asaase no so nneɛma pa, na moafa asaase no de agya mo mma daa.’ 13 Na deɛ yɛn nnebɔne ne yɛn asodie kɛseɛ nti aba yɛn so nyinaa akyi no,—O yɛn Nyankopɔn, woanhwɛ yɛn bɔne so ne yɛn anni,+ na woama yɛn a yɛwɔ ha yi afiri mu aka+— 14 adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛsan bu wo mmara nsɛm so na yɛkɔwareware nnipa a wɔyɛ akyiwadeɛ yi?+ Anka wo bo remfu yɛn nkɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛsa a obiara remfiri mu nka? 15 O Yehowa, Israel Nyankopɔn, wotene;+ ɛno nti na yɛafiri mu aka de abɛsi nnɛ da yi. Yɛaba w’anim wɔ yɛn bɔne mu; asɛm yi nti, yɛn mu biara ntumi nnyina w’anim.”+