Esra
7 Nsɛm yi akyi, Persia hene Artasasta+ ahennie mu no, Esra,+ Seraia+ ba, Asaria ba, Hilkia+ ba, 2 Salum+ ba, Sadok ba, Ahitab+ ba, 3 Amaria+ ba, Asaria+ ba, Meraiot+ ba, 4 Serahia+ ba, Usi+ ba, Buki+ ba, 5 Abisua+ ba, Finehas+ ba, Eleasar+ ba, ɔsɔfo panin+ Aaron+ ba— 6 Esra yi firii Babilon kɔeɛ; ná ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ+ a ne ho akokwa Mose mmara+ a Yehowa, Israel Nyankopɔn, de maeɛ no mu na ɔhwɛ so twerɛ bi, na ɔhene no maa no n’abisadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ na Yehowa, ne Nyankopɔn, nsa wɔ ne so.+
7 Na Israel mma ne asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ+ ne nnwontofoɔ+ ne apono ano ahwɛfoɔ+ ne Netinimfoɔ+ no bi nso kɔɔ Yerusalem wɔ Ɔhene Artasasta+ afe a ɛtɔ so nson mu. 8 Ɔduruu Yerusalem bosome a ɛtɔ so nnum, ɔhene no afe a ɛtɔ so nson mu. 9 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, ɔsiim firii Babilon, na bosome a ɛtɔ so nnum no da a ɛdi kan no, ɔkɔduruu Yerusalem ɛfiri sɛ na ne Nyankopɔn papayɛ nsa wɔ ne so.+ 10 Ná Esra asiesie+ n’akoma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa mmara+ na wadi so,+ na wakyerɛkyerɛ+ ahyɛdeɛ+ ne atɛntenenee+ wɔ Israel.
11 Krataa a Ɔhene Artasasta de maa ɔsɔfoɔ Esra, ɔtwerɛfoɔ+ a ɔhwɛ Yehowa mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a ɔde maa Israel no so twerɛ bi, no mu nsɛm nie:
12 “Artasasta,+ ahemfo mu hene+ no, de kɔma ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn+ no mmara twerɛfoɔ: Asomdwoeɛ nka wo.+ Afei tie, 13 mahyɛ mmara+ sɛ m’ahennie+ mu onipa biara a ɔyɛ Israelni ne wɔn asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔpɛ sɛ wɔne wo kɔ Yerusalem no, wɔne wo nkɔ.+ 14 Ɔhene ne n’agyinatufoɔ nson+ no de ahyɛdeɛ ama sɛ kɔhwehwɛ+ Yuda ne Yerusalem mu sɛdeɛ wo Nyankopɔn+ mmara+ a ɛwɔ wo nsam no kyerɛ. 15 Fa dwetɛ ne sika a ɔhene ne n’agyinatufoɔ ayi wɔn yam de ama+ no kɔma Israel Nyankopɔn a ne tenabea wɔ Yerusalem+ no, 16 na fa dwetɛ ne sika a wobɛnya no Babilon mantam no nyinaa mu ne akyɛdeɛ a ɔman no+ ne asɔfoɔ bɛyi wɔn yam de ama wɔn Nyankopɔn fie+ a ɛwɔ Yerusalem no kɔ. 17 Yɛ ntɛm fa saa sika no tɔ anantwinini,+ adwennini,+ nnwammaa+ ne wɔn ho aduane afɔdeɛ+ ne afɔrebɔ nsã,+ na fa kɔbɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ mo Nyankopɔn fie+ wɔ Yerusalem+ no so.
18 “Adeɛ biara a ɛyɛ wɔ wo ne wo nuanom ani so sɛ mode dwetɛ ne sika+ nkaeɛ no bɛyɛ no, sɛdeɛ mo Nyankopɔn pɛ+ no, monyɛ.+ 19 Na anwenneɛ+ a wɔde ahyɛ wo nsa ama wo Nyankopɔn fie som no, fa ne nyinaa kɔ Onyankopɔn anim wɔ Yerusalem.+ 20 Nneɛma a aka a ɛbɛhia wɔ wo Nyankopɔn fie a ɛsɛ sɛ wode korɔ no, yi firi ɔhene fie akoradeɛ+ mu.
21 “Na me, Ɔhene Artasasta, mahyɛ mmara+ sɛ afotosanfoɔ+ a mowɔ asubɔnten kɛseɛ+ no agya nyinaa, adeɛ biara a ɔsɔfoɔ Esra,+ ɔsoro Nyankopɔn no mmara twerɛfoɔ, bɛbisa no, monyɛ no ntɛm; 22 sɛ ne dodoɔ kɔsi dwetɛ dwetikɛseɛ+ ɔha, ayuo kor+ ɔha, bobesa+ bat susuhina+ ɔha, ngo+ bat susuhina ɔha, ne nkyene+ a ɛnni ano mpo a, momfa mma no. 23 Deɛ ɔsoro Nyankopɔn ahyɛ+ nyinaa, momfa ahokeka+ nyɛ mma ɔsoro Nyankopɔn fie,+ na abufuo amma ɔhene ne ne mma ahennie so.+ 24 Na yɛrema moahunu sɛ asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ,+ nnwontofoɔ,+ apono ano ahwɛfoɔ,+ Netinimfoɔ,+ ne Onyankopɔn fie yi adwumayɛfoɔ nyinaa, monni ho kwan sɛ mogye wɔn hɔ toɔ, amanneɛ,+ anaa akwan so toɔ+ biara.
25 “Na wo Esra, sɛdeɛ wo Nyankopɔn nyansa+ wɔ wo nsam no, yi asɛnnifoɔ ne atemmufoɔ na wɔmmu nkurɔfoɔ a wɔwɔ asubɔnten kɛseɛ no agya nyinaa atɛn,+ wɔn a wɔnim wo Nyankopɔn mmara no nyinaa; na obiara a ɔnnim nso, monkyerɛkyerɛ+ no. 26 Na obiara a ɔrenhwɛ nni wo Nyankopɔn mmara+ ne ɔhene mmara soɔ no, ɔfata sɛ ɔwuo+ oo, ɔfata sɛ wɔtwa no asuo+ oo, ɔfata sɛ wɔbɔ no ka+ oo, ɔfata sɛ ɔda afiase oo, mommu no atɛn ntɛm.”
27 Nhyira nka Yehowa, yɛn agyanom Nyankopɔn+ a ɔde asɛm yi ahyɛ ɔhene akomam+ sɛ wɔnsiesie+ Yehowa fie a ɛwɔ Yerusalem no! 28 Na wayi adɔeɛ+ adi akyerɛ me wɔ ɔhene ne n’agyinatufoɔ,+ ne ɔhene mpanimfoɔ nyinaa anim. Na me nso, Yehowa me Nyankopɔn nsa+ a ɛwɔ me soɔ nti, menyaa ahoɔden, na meboaa Israel atitire ano sɛ wɔne me nkɔ.