6 Esra yi firii Babilon kɔeɛ; ná ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ+ a ne ho akokwa Mose mmara+ a Yehowa, Israel Nyankopɔn, de maeɛ no mu na ɔhwɛ so twerɛ bi, na ɔhene no maa no n’abisadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ na Yehowa, ne Nyankopɔn, nsa wɔ ne so.+
2 Ɛnna ɔsɔfoɔ+ Esra de mmara no baa badwa+ no anim, baabi a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔtumi tie+ asɛm te aseɛ ahyia no, bosome a ɛtɔ so nson+ no da a ɛdi kan.