Esra
6 Ɛnna Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ wɔnkɔhwehwɛ ɛdan a wɔde twerɛtohɔ+ ne akoradeɛ sie mu wɔ Babilon no mu. 2 Na wɔkɔhunuu nwoma mmobɔeɛ bi wɔ Ekbatana, baabi a wɔabɔ ho ban wɔ Media mantam+ mu; asɛm a na wɔatwerɛ wom nie:
3 “Ɔhene Kores afe a ɛdi kan+ mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no ho sɛ: ‘Wɔnsi fie no mma no nyɛ afɔrebɔbea+ na wɔnto ne fapem. Ne tenten nyɛ basafa aduosia na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa aduosia,+ 4 wɔmfa aboɔ akɛseɛ a ɛdeda so+ mmiɛnsa mmiɛnsa ne nnua+ a ɛdeda so mmaako mmaako nyɛ; ɛho sika nyinaa, wɔnnye mfiri ɔhene fie.+ 5 Onyankopɔn fie sika ne dwetɛ nneɛma+ a Nebukadnesar+ sesa firii asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon no nso, wɔnyiyi na wɔnsan mfa nkɔ Yerusalem asɔrefie nkɔgu baabi a ɛguo wɔ Onyankopɔn fie hɔ.’+
6 “Enti asubɔnten kɛseɛ+ no agya amrado Tatenai+ ne Setar-Bosenai+ ne mo mfɛfoɔ, amansini asoafoɔ+ a mowɔ asuogya hɔ no, montwe mo ho mfiri hɔ koraa.+ 7 Mommfa mo asɛm nnkɔ Onyankopɔn fie adwuma no so.+ Yuda amrado ne Yuda mpanimfoɔ no bɛsi Onyankopɔn fie no asi ne sibea. 8 Merehyɛ mmara+ akyerɛ mo deɛ momfa mma Yuda mpanimfoɔ no mfa nsi Nyankopɔn fie no bio; ɛtoɔ a wɔgyegye no asubɔnten kɛseɛ no agya ma ɔhene+ no, wɔmfa bi mma+ mmarima no ntɛm mma wɔmfa nsi dan no; wɔmfa mma wɔn daa.+ 9 Na nneɛma a wɔhia nyinaa, anantwie mma+ ne adwennini+ ne nnwammaa+ a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama ɔsoro Nyankopɔn, ne ayuo+ ne nkyene+ ne bobesa+ ne ngo;+ deɛ asɔfoɔ a wɔwɔ Yerusalem bɛka no, wɔmfa mma wɔn daa, wɔnntoto no ase; 10 ɛno bɛma daa+ wɔatumi abɔ afɔdeɛ+ hwamhwam ama ɔsoro Nyankopɔn na wɔabɔ ɔhene ne ne mma+ nkwa nso ho mpaeɛ. 11 Mahyɛ nso sɛ obiara a ɔbɛbu mmara yi soɔ+ no, wɔnyi ne dan so dua+ nsɛn+ no wɔ so, na wɔmfa ne fie nyɛ agyananbea.+ 12 Na ɔhene anaa ɔman biara a ɔbɛbu mmara yi soɔ na watene ne nsa asɛe+ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, Onyankopɔn a wama ne din+ atena hɔ no mmutu no. Me Dario na mahyɛ mmara yi. Ma wɔnyɛ no ntɛm.”
13 Ɛnna asubɔnten kɛseɛ+ no agya amrado Tatenai ne Setar-Bosenai+ ne wɔn mfɛfoɔ no yɛɛ deɛ Ɔhene Dario soma bɛkaeɛ no ntɛm. 14 Na Yuda mpanimfoɔ+ no sii efie+ no na ɛnyaa nkɔsoɔ wɔ Hagai+ ne Ido+ banana odiyifoɔ Sakaria+ nkɔmhyɛ so, na wɔsi wiee sɛdeɛ Israel Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ ne Kores+ ne Dario+ ne Persia hene Artasasta+ ahyɛdeɛ teɛ no. 15 Na wɔsii fie yi wiee bosome Adar+ da a ɛtɔ so mmiɛnsa, Ɔhene Dario ahennie afe a ɛtɔ so nsia mu.
16 Ɛnna Israel mma, asɔfoɔ ne Lewifoɔ+ ne atukɔfoɔ+ nkaeɛ no de anigyeɛ hyiraa Onyankopɔn fie no soɔ.+ 17 Na wɔde anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nnwammaa ahanan baa sɛ wɔmfa nhyira Onyankopɔn fie no so, ne mmirekyie dumienu a wɔde bɛbɔ bɔne afɔdeɛ ama Israel nyinaa sɛdeɛ Israel mmusuakuo no dodoɔ teɛ.+ 18 Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn sibea,+ na wɔde Lewifoɔ no nso tuatuaa wɔn nnwuma ano maa Onyankopɔn som wɔ Yerusalem sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose nwoma no mu+ no.
19 Atukɔfoɔ no dii twam+ no bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so dunan.+ 20 Asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho+ sɛ nipa baako maa wɔn nyinaa ho teeɛ, enti wɔkum twam dwan+ no maa atukɔfoɔ a wɔasan aba no ne wɔn nuanom asɔfoɔ no ne wɔn ara wɔn ho. 21 Na Israel atukɔfoɔ a wɔasan aba, ne obiara a wate ne ho afiri asase no so amanaman no afĩdeɛ ho+ aba wɔn nkyɛn abɛhwehwɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ no didiiɛ.+ 22 Na wɔde anigyeɛ dii paanoo a mmɔreka nnim afahyɛ+ no nnanson; Yehowa maa wɔn ani gyeeɛ, na ɔmaa Asiria hene akoma baa wɔn so,+ na ɔhyɛɛ wɔn nsam den wɔ nokorɛ Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn fie adwuma no ho.