Esra
5 Na odiyifoɔ Hagai+ ne Ido+ banana odiyifoɔ Sakaria+ hyɛɛ nkɔm maa Yudafoɔ a na wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no wɔ Israel Nyankopɔn a na ɔka wɔn ho+ no din+ mu. 2 Saa berɛ no mu na Sealtiel+ ba Serubabel+ ne Yehosadak ba Yesua+ sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no; ná Onyankopɔn adiyifoɔ+ ka wɔn ho, na wɔboaa wɔn. 3 Ɛnna asubɔnten kɛseɛ+ no agya amrado Tatenai+ ne Setar-Bosenai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn nkyɛn bɛbisaa wɔn sɛ: “Hwan na ɔhyɛɛ mmara sɛ monsi fie yi, a mode nnua agyina dan yi?”+ 4 Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyerɛ yɛn mmarima a wɔresi dan yi din.” 5 Onyankopɔn ani+ kuu Yuda mpanimfoɔ no ho,+ na nkurɔfoɔ no ansi wɔn kwan na mmom wɔtwɛn kɔsii sɛ wɔbɛbɔ Dario amanneɛ ama no atwerɛ krataa abɛma wɔn mmuaeɛ.
6 Krataa a asubɔnten kɛseɛ+ no agya amrado Tatenai+ ne Setar-Bosenai+ ne ne mfɛfoɔ,+ amansini asoafoɔ a wɔwɔ asuogya hɔ, de kɔmaa Ɔhene Dario no mu nsɛm nie;+ 7 wɔde krataa no somaeɛ, na emu nsɛm nie:
“De kɔma Ɔhene Dario:
“Asomdwoeɛ+ nka wo! 8 Ma ɔhene nhunu sɛ, yɛsiim kɔɔ Onyankopɔn kɛseɛ+ no fie a ɛwɔ Yuda mantam+ mu no; yɛkɔtoo sɛ wɔde aboɔ akɛseɛ a ɛdeda soɔ resie na wɔde nnua rehyehyɛ afasuo no mu; wɔde ahoɔden reyɛ adwuma no na ɛrenya nkɔsoɔ wɔn nsam. 9 Ɛnna yɛbisaa mpanimfoɔ no, na asɛm a yɛbisaa wɔn nie: ‘Hwan na ɔhyɛɛ mmara sɛ monsi fie yi, a mode nnua agyina dan yi?’+ 10 Na yɛbisaa mmarima a wɔdi wɔn anim+ no din, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi atwerɛ abrɛ woɔ ama woahunu.
11 “Mmuaeɛ a wɔde maa yɛn ne sɛ: ‘Ɔsoro ne asase Nyankopɔn+ nkoa ne yɛn, na fie a Israel hene kɛseɛ bi si wiee+ mfeɛ pii nie no na yɛresan asi bio. 12 Ɛsiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsoro Nyankopɔn no abufuo+ nti, ɔde wɔn hyɛɛ+ Babilon hene Nebukadnesar,+ Kaldeani+ no nsa, na ɔdwirii fie yi guiɛ,+ na ɔde ɔman no kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.+ 13 Nanso Babilon hene Kores afe a ɛdi+ kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie+ yi. 14 Afei nso Onyankopɔn fie sika ne dwetɛ nneɛma+ a Nebukadnesar sesa firii asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem de kɔɔ Babilon asɔredan+ mu no, Ɔhene Kores+ yiyi firii Babilon asɔredan no mu de maa deɛ wɔfrɛ no Sesbasar+ a ɔyɛɛ no amrado+ no. 15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa nneɛma+ yi kɔ, na fa kɔgu asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wɔnsi Onyankopɔn fie no nsi ne sibea.”+ 16 Sesbasar baeɛ no, ɔbɛtoo Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no fapem;+ na ɛfiri saa berɛ no wɔgu so resi a wɔnwieeɛ.’+
17 “Afei sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ+ akoradeɛ a ɛwɔ ɔhene fie wɔ Babilon no mu nhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ Ɔhene Kores hyɛɛ mmara+ sɛ wɔnsan nsi Onyankopɔn fie no wɔ Yerusalem anaa; ma ɔhene nsoma mmɛka deɛ wayɛ n’adwene wɔ asɛm yi ho nkyerɛ yɛn.”